Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 20:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na mehunuu ahennwa fitaa kokuroo ne deɛ ɔte soɔ a asase ne ɔsoro dwane firii n’anim; na wɔannya baabi amma wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Na mehunuu ahennwa fitaa kokuroo ne deɛ ɔte soɔ a asase ne ɔsoro dwane firii n’anim; na wɔannya baabi amma wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Afei mihuu ahengua fitaa kɛse bi ne nea ɔte so no. Asase ne ɔsoro guanee wɔ nʼanim, na wɔanhu wɔn bio.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Afei, mehunuu ahennwa fitaa kɛseɛ bi ne deɛ ɔte so no. Asase ne ɔsoro dwanee wɔ nʼanim, na wɔanhunu wɔn bio.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Na mihuu ahengua fitaa kokuroo ne nea ɔte so a asase ne ɔsoro guan n’anim; na wɔannya baabi amma wɔn.

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 20:11
27 Referencias Cruzadas  

Yei mpare wo sɛ wobɛdi saa asɛm yi sɛ wobɛkum ɔteneneeni ne ɔdebɔneyɛni afra, na ɔteneneeni ayɛ sɛ ɔdebɔneyɛni; yei mpare wo. Deɛ ɔbu asase nyinaa atɛn no remmu atɛntenenee anaa?


Ɔwoso asase firi n’atenaeɛ, na ne nnyinasoɔ popo.


Ɛno deɛ, ɛbɛsɛe, na wo deɛ, wotim hɔ daa. Wɔn nyinaa bɛsu sɛ atadeɛ, wobɛsakyera wɔn sɛ atadeɛ, na wɔasakyera.


Onyankopɔn di amanaman so hene, Onyankopɔn te n’ahennwa kronkron so.


Tenenee ne atemmuo ne w’ahennwa nnyinasoɔ, adɔeɛ ne nokorɛ gyina w’anim.


Mununkum ne sum atwa ne ho ahyia, tenenee ne atemmuo ne n’ahennwa nnyinasoɔ.


Afe a Ɔhene Usia wuiɛ no, mehunuu AWURADE sɛ ɔte ahennwa a ɛkorɔn a wɔama soɔ so, na n’atadeɛ mmuano ayɛ asɔrefie ma.


ɛnna dadeɛ, dɔteɛ, kɔbere mfrafraeɛ, dwetɛ ne sika no bubuu muhumuhu prɛko pɛ, na ɛyɛɛ sɛ ahuhuberɛ mu ayuporebea so ntɛtɛ, na mframa sesa kɔe, na wɔanhunu wɔn baabiara bio. Na ɔboɔ a ɛbɔɔ ohoni no yɛɛ bepɔ kɛseɛ, na ɛyɛɛ asase nyinaa so ma.


Ogya te sɛ asubɔnten sene firi n’anim bae, mpem mpem som no, na mpemdu mpemdu buburugyaa gyina n’anim, wɔtenaa ase sɛ wɔrebu atɛn, na wɔbuebuee nwoma no mu.


Nso mese mo sɛ, atemmuda no, ɛbɛfanyinam Tiro ne Sidon asene mo.


Ɔsoro ne asase bɛtwam akɔ, na me nsɛm deɛ, ɛrentwam da.


Na Onipa Ba no bɛba n’animuonyam mu a n’abɔfoɔ nyinaa ka ne ho no, ɔbɛtena n’animuonyam ahennwa so.


Na w’akoma den ne akoma pirim nti, woreboaboa abufuo ano de atwɛn abufuo ne Nyankopɔn atɛntenenee no adiyie da no.


Na ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi, wɔde n’asɛm no ara na akora, na wɔde asie ama ogya, ama atemmuo ne nnipa amumuyɛfoɔ sɛeɛ da no.


Na wɔdii wɔn so, na wɔannya kwan ɔsoro bio.


Na nsupɔ nyinaa dwanedwanee, na wɔanhunu mmepɔ biara bio.


Na mehunuu sɛ ɔsoro abue, na hwɛ, ɔpɔnkɔ fitaa bi nie, na deɛ ɔte ne soɔ no, wɔfrɛ no Ɔseadeɛyɛ ne Ɔnokwafoɔ, na ɔbu atɛn, na ɔtu sa wɔ tenenee mu.


Na ɔkyeree ɔtweaseɛ, ɔwɔ dada a ɔno ne Ɔbonsam ne Satan no, kyekyeree no mfirinhyia apem,


Na mehunuu ɔsoro foforɔ ne asase foforɔ, na kane soro ne kane asase no atwam, na ɛpo nni hɔ bio.


Na deɛ ɔte ahennwa no soɔ no se: Hwɛ, meyɛ nnoɔma nyinaa foforɔ. Na ɔse: Twerɛ, ɛfiri sɛ nsɛm yi wɔ mu na ɛyɛ nokorɛ.


Na ntɛm ara na mewɔ Honhom mu. Na hwɛ, wɔde ahennwa asi soro, na obi te ahennwa no so.


Na ɔsoro yeraeɛ sɛ nwoma a wɔabobɔ, na mmepɔ ne nsupɔ nyinaa tutu fifirii deɛ na ɛwowɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios