Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 2:24 - New Revised Asante Twi Bible

24 Na mese mo a moaka Tiatira no, dodoɔ a wɔnni saa nkyerɛkyerɛ yi, wɔn a wɔnhunuu Satan bunu mu, sɛdeɛ wɔka no no, sɛ: Merensoa mo adesoa foforɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

24 Na mese mo a moaka Tiatira no, dodoɔ a wɔnni saa nkyerɛkyerɛ yi, wɔn a wɔnhunuu Satan bunu mu, sɛdeɛ wɔka no no, sɛ: Merensoa mo adesoa foforɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

24 Nanso mo mu bi a mowɔ Tiatira no nni saa nkyerɛkyerɛ bɔne no akyi. Munsuaa nea afoforo frɛ no, ‘Ɔbonsam asumansɛm’ no. Meka kyerɛ mo se, meremfa adesoa foforo biara nto mo so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

24 Nanso, momu bi a mowɔ Tiatira no nni saa nkyerɛkyerɛ bɔne no akyi. Monsuaa deɛ afoforɔ frɛ no ‘Ɔbonsam asumansɛm’ no. Meka mekyerɛ mo sɛ, meremfa adesoa foforɔ biara nto mo so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

24 Na mise mo a moaka Tiatira no, dodow a wonni saa nkyerɛkyerɛ yi, wɔn a wonhuu Satan bun mu sɛnea wɔka no no sɛ: Merensoa mo adesoa foforo.

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 2:24
15 Referencias Cruzadas  

Na wɔtuu ɔtweaseɛ kɛseɛ no, ɔwɔ dada no a wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan, deɛ ɔdaadaa amanaman nyinaa no, firii hɔ too no twenee asase so, na wɔtoo n’abɔfoɔ kaa ne ho gui.


Nanso mesuro sɛ ebia, sɛdeɛ ɔwɔ no de n’aniteɛ bɛdaadaa Hawa no, saa ara nso na wɔbɛsɛe mo adwene afiri Kristo fam ahofama no ho.


na Satan anni yɛn amim; ɛfiri sɛ yɛnim n’akwan.


Na ɛsɔɔ Honhom Kronkron ne yɛn ani sɛ, wɔmfa adesoa bi nto mo soɔ, gye deɛ ɛhia yi ara, ɛne


Na nsɛnkyerɛnneɛ a wɔde maa no sɛ ɔnyɛ no aboa no anim nti, ɔdaadaa wɔn a wɔtete asase soɔ no, ka kyerɛɛ asase sotefoɔ no sɛ, wɔnyɛ ohoni mma aboa a nkrantɛ apira no na ɔte ase bio no.


Na yɛn na Onyankopɔn nam Honhom so ayi akyerɛ yɛn; ɛfiri sɛ Honhom no pɛɛpɛɛ adeɛ nyinaa mu, Nyankopɔn nnoɔma a emu dɔ no nso mu.


Na ɔbaa bi a ne din de Lidia a ɔtɔn ntoma kɔkɔɔ a ɔfiri Tiatira kuro mu, a ɔsom Onyankopɔn tiee; na Awurade buee n’akomam sɛ ɔntie deɛ Paulo reka no.


Saa nyansa yi mfiri soro, na mmom ɛyɛ fam ne ɔkra ne ahonhommɔne deɛ.


sɛ: Twerɛ deɛ wohunu hyɛ nwoma mu, na fa kɔma asafo ahodoɔ nson no, fa kɔ Efeso, Smirna, Pergamo, Tiatira, Sardi, Filadelfia ne Laodikea.


Menim w’ahohia ne wo hia no, nanso woyɛ ɔdefoɔ, ne wɔn a wɔse wɔyɛ Yudafoɔ, nanso wɔnyɛ, na mmom wɔyɛ Satan hyiadan no abususɛm.


Menim faako a woteɛ, deɛ Satan ahennwa sie, na wokura me din mu, na woampa me gyidie, nna a wɔkumm me danseni nokwafoɔ Antipa wɔ mo hɔ no mu, deɛ ɔbonsam teɛ hɔ.


Na Tiatira asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na Nyankopɔn Ba a n’ani te sɛ ogyaframa na ne nan te sɛ yaawa fɛfɛ no seɛ:


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios