Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 2:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Hwɛ, mede no bɛto mpa so, na mede wɔn a wɔne no sɛe awadeɛ no magu ahohia kɛseɛ mu, gye sɛ wɔasakyera wɔn adwene wɔ wɔn nnwuma mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 Hwɛ, mede no bɛto mpa so, na mede wɔn a wɔne no sɛe awadeɛ no magu ahohia kɛseɛ mu, gye sɛ wɔasakyera wɔn adwene wɔ wɔn nnwuma mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Ɛno nti, sɛ wɔansakra amfi amumɔyɛ a wɔne no yɛe no mu a, mɛtow no ahwe mpa so na ɔno ne wɔn a wɔsɛe aware no ahu amane a ano yɛ den yiye.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Ɛno enti, sɛ wɔansesa amfiri amumuyɛ a wɔne no yɛeɛ no mu a, mɛto no ahwe mpa so na ɔno ne wɔn a wɔsɛe awadeɛ no ahunu amane a ano yɛ den yie.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 Hwɛ, mede no mɛto mpa so, na mede wɔn a wɔne no sɛe aware no magu ahohia kɛse mu, gye sɛ wɔsakra wɔn adwene wɔ wɔn nnwuma mu.

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 2:22
16 Referencias Cruzadas  

Ebia Yuda fie bɛtie bɔne a mabɔ me tirim sɛ mɛyɛ wɔn no nyinaa, na wɔasane afiri wɔn akwammɔne so, na mede wɔn amumuyɛ ne wɔn bɔne makyɛ wɔn.


na wɔne wo adi no wɔ ɔtane so, na wɔafa deɛ wobrɛ nyaeɛ no, na wɔagya wo, adagya ne kwaterekwa mu, na wɔayi w’adwamammɔ adagya so ne w’aniwudeɛ ne w’adwamammɔ deɛ nyinaa so.


Ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa ara, ɔbɔnefoɔ wuo nyɛ me fɛ, na mmom sɛ ɔbɔnefoɔ bɛsane afiri ne kwan soɔ na wanya nkwa! Monsane, monsane mfiri mo akwammɔne so! Adɛn nti na morewuwuo yi, Israel fie?


Mekaa sɛ: Suro me ara, gye nkyerɛkyerɛ, na wɔrentwa wo tenabea ntwene, deɛ mahyɛ woɔ no nyinaa ho; nanso wotuaa nhema sɛesɛee wo nneyɛɛ nyinaa.


Mese mo sɛ: Ɛnte saa, na mmom sɛ moansakyera mo adwene a, mo nyinaa bɛyera saa ara.


Mese mo sɛ: Ɛnte saa, na mmom sɛ moansakyera mo adwene a, mo nyinaa bɛyera saa ara.


sɛ ebia meba bio a, me Nyankopɔn bɛbrɛ me ase wɔ mo fam, na magyam wɔn mu dodoɔ a wɔayɛ bɔne na wɔnsakyeraa wɔn adwene, wɔn fi ne adwamammɔ ne ahohwisɛm a wɔdiiɛ no ho.


Ɔno na wiase ahemfo ne no abɔ adwaman, na n’adwamammɔ nsa no abobo wɔn a wɔtete asase soɔ no.


Ɛfiri sɛ amanaman nyinaa anom n’adwamammɔ abufuo nsa no bi, na asase so ahemfo ne no abɔ adwaman, na asase so adwadifoɔ nam ne taamudie ahoɔden so anya wɔn ho.


Na asase so ahemfo a wɔne no abɔ adwaman na wɔadi taamu no, sɛ wɔhunu ne hyeɛ wisie a, wɔbɛsu no, na wɔabobɔ ne ho abubuo.


Enti kae deɛ wofiri hwee aseɛ, na sakyera w’adwene, na yɛ kane nnwuma no! Anyɛ saa a, mɛba wo so na mabɛyi wo kaneadua mafiri ne siberɛ, gye sɛ wosakyera w’adwene.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios