Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 19:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na wɔde nwera pa a ɛhoa fitaa, a ɛho teɛ maa no sɛ ɔmfira. Na nwera pa no ne ahotefoɔ tenenee.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Na wɔde nwera pa a ɛhoa fitaa, a ɛho teɛ maa no sɛ ɔmfira. Na nwera pa no ne ahotefoɔ tenenee.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Wɔde nwera pa a ani hyerɛn na ani tew maa no sɛ ɔnhyɛ.” (Nwera no kyerɛ ahotefo trenee nneyɛe.)

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Wɔde nwera pa a ani hyerɛn na ani teɛ maa no sɛ ɔnhyɛ.” (Nwera no kyerɛ ahotefoɔ tenenee nneyɛɛ.)

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na wɔde nwera pa a ɛhoa fitaa a ɛho tew maa no sɛ omfura. Na nwera pa no ne ahotefo trenee.

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 19:8
21 Referencias Cruzadas  

Ma w’asɔfoɔ nhyɛ tenenee, na ma w’ahotefoɔ nni ahurisie.


Wanwono mmommo afa, ne ntoma yɛ nwera pa ne beredum.


nhwehwɛ, nwera pa, mmotire ne nkatanimu.


AWURADE mu na me ho sɛpɛ me, na me Nyankopɔn mu na me kra di ahurisie, ɛfiri sɛ ɔde nkwagyeɛ atadeɛ ahyɛ me, ɔde tenenee batakari asi me, sɛ ayeforɔkunu a ɔkeka ne ho bɔ n’abotire, ne ayeforɔ a ɔde ne nnwinneɛ hyehyɛ ne ho.


na mede atadeɛ a wɔadi mu adwini hyɛɛ wo, na mede sukraman nwoma mpaboa hyɛɛ wo, na mede nwera pa kyekyeree wo, na mede serekye ntoma kataa wo ho;


Na sɛ wɔreba aponkɛseɛ a ɛwɔ abannwa a ɛwɔ mu no ho a, wɔnhyehyɛ nwera ntadeɛ, na kuntutam biara nnka wɔn ho berɛ a wɔresom emu fam abannwa no, aponkɛseɛ no mu ne efie no mu.


Na ɔsakyeraa wɔ wɔn anim, na n’anim hyerɛnee sɛ owia, na ne ntadeɛ yɛɛ fitaa sɛ hann.


Na ɔbisaa no sɛ: Awɛ, wobaa mu ha sɛn ni, na wonhyɛ ayeforɔhyia atadeɛ yi? Na ɔtɔree mum.


na n’atadeɛ hyerɛnn fitafita a asase so ntomasifoɔ biara ntumi nhoa no saa.


Na ɛbaa sɛ yei yɛɛ wɔn tirim keserenee no, hwɛ, mmarima baanu bɛgyinaa wɔn nkyɛn a wɔhyɛ ntadeɛ a ɛhyerɛn.


Na ɔrekorɔ na wɔrehwɛ soro haa no, hwɛ, mmarima baanu bi a wɔhyɛ ntadeɛ fitaa bɛgyinaa wɔn nkyɛn,


na mmom monhyɛ Awurade Yesu Kristo sɛ atadeɛ, na mommma kwan mma ɔhonam akɔnnɔ nni mo so!


Na ɛyɛ Nyankopɔn tenenee a ɛnam Yesu Kristo ho gyidie soɔ hyɛne wɔn a wɔgye die nyinaa mu no na ɛba wɔn nyinaa soɔ. Na nsonsonoeɛ biara nni mu,


Awurade, hwan na ɔrensuro woɔ na ɔrenhyɛ wo din animuonyam? Ɛfiri sɛ wo nko na woyɛ kronkron, na amanaman nyinaa bɛba abɛkoto w’anim, ɛfiri sɛ w’atɛn tenenee ada adi.


Na abɔfoɔ baason a wɔkurakura ɔhaw mmusuo nson no firi asɔredan no mu firii adi, wɔhyehyɛ nwera fitafitaa a ɛhran, na wɔde sika abɔsoɔ abobɔ wɔn mu.


Na ɛdɔm a wɔwɔ soro no tete apɔnkɔ fitafitaa so di n’akyi hyehyɛ nwera pa fitaa a ɛho teɛ.


Metu wo fo sɛ, tɔ me nkyɛn sika a wɔabere ho ogya mu, na woanya ahonya ne atadeɛ fitaa, na woahyɛ, na w’adagya ahohora anna adi, ne aniduro a wode bɛsra w’ani, na woahunu adeɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios