Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 19:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na ɛnne bi firii ahennwa no mu teaa mu sɛ: Monyi yɛn Nyankopɔn ayɛ, mo a moyɛ ne nkoa ne mo a mosuro no nyinaa, akɛseɛ ne nketewa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na ɛnne bi firii ahennwa no mu teaa mu sɛ: Monyi yɛn Nyankopɔn ayɛ, mo a moyɛ ne nkoa ne mo a mosuro no nyinaa, akɛseɛ ne nketewa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Afei nne bi fi ahengua no so bae se, “Monkamfo yɛn Nyankopɔn, mo a moyɛ nʼasomfo nyinaa, mo a musuro no, akɛse ne nkumaa!”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Afei, nne bi firi ahennwa no so baa sɛ, “Monkamfo yɛn Onyankopɔn, mo a moyɛ nʼasomfoɔ nyinaa, mo a mosuro no, akɛseɛ ne nkumaa!”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na ɛnne bi fii ahengua no mu se: Munyi yɛn Nyankopɔn ayɛ, mo a moyɛ ne nkoa ne mo a musuro no nyinaa, akɛse ne nketewa.

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 19:5
14 Referencias Cruzadas  

ɔbɛhyira wɔn a wɔsuro AWURADE, nketewa ne akɛseɛ nyinaa.


Hwɛ, mo AWURADE nkoa a mogyina AWURADE fie anadwo no, monhyira AWURADE.


Monyi AWURADE ayɛ. Monyi AWURADE din ayɛ, AWURADE nkoa, monyi no ayɛ,


Momma deɛ ɛhome nyinaa nyi AWURADE ayɛ. Monyi AWURADE ayɛ!


Mo a mosuro AWURADE, monyi no ayɛ. Yakob asefoɔ nyinaa, monhyɛ no animuonyam, na Israel asefoɔ nyinaa, momfɛre no.


Na ɔma nketewa ne akɛseɛ, adefoɔ ne ahiafoɔ, adehyeɛ ne nkoa nyinaa pene ma wɔhyɛ wɔn agyiraeɛ, wɔn nsa nifa anaa wɔn moma so,


Na deɛ ɔtɔ so nson no hwiee ne kuruwa no guu ahunum. Na ɛnne kɛseɛ bi firi asɔredan no mu, firi ahennwa no mu, sɛ: Wɔawie.


mmɛdi ahemfo nam, asafohene nam, atumfoɔ nam, apɔnkɔ ne wɔn a wɔtete wɔn soɔ nam, adehyeɛ ne nkoa, nketewa ne akɛseɛ nyinaa nam.


Na mehunuu awufoɔ, nketewa ne akɛseɛ, sɛ wɔgyinagyina ahennwa no anim; na wɔbuebuee nwoma mu. Na wɔbuee nwoma foforɔ bi a ɛyɛ nkwa nwoma no mu; na wɔnam nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma no mu no so bubuu awufoɔ atɛn sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ.


Yei nti na wɔwɔ Nyankopɔn ahennwa anim, na wɔsom no awia ne anadwo n’asɔredan mu, na deɛ ɔte ahennwa no soɔ no bɛkata wɔn so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios