Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 19:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na n’ani te sɛ ogyaframa, na ahemmotire pii bobɔ ne ti; na wɔatwerɛ ne din bi a obiara nnim gye ɔno nko.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Na n’ani te sɛ ogyaframa, na ahemmotire pii bobɔ ne ti; na wɔatwerɛ ne din bi a obiara nnim gye ɔno nko.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Nʼaniwa te sɛ ogya a ɛredɛw na ɔhyɛ ahenkyɛw bebree. Na ɔwɔ din bi a wɔakyerɛw agu ne ho, nanso na obiara nnim din no nkyerɛase ka ne ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Nʼaniwa te sɛ ogya a ɛrederɛ na ɔhyɛ ahenkyɛ bebree. Na ɔwɔ din bi a wɔatwerɛ agu ne ho, nanso na obiara nnim edin no nkyerɛaseɛ ka ne ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Na n’aniwa te sɛ ogyaframa, na ahemmotiri pii bobɔ ne ti; na wɔakyerɛw ne din bi a obiara nnim gye ɔno nko.

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 19:12
25 Referencias Cruzadas  

Na Yakob bisaa no sɛ: Mesrɛ wo, kyerɛ me wo din. Na ɔse: Adɛn nti na worebisa me din? Na ɔbarima no hyiraa no wɔ hɔ.


Na woama aka no kakraa bi na wasɛ Onyame, na wode animuonyam ne anidie abɔ no abotire.


Hwɛ yie wɔ n’anim, na tie ne nne; nnwene ntia no, na ɔremfa mo mmarato nkyɛ mo, ɛfiri sɛ me din wɔ ne mu.


Hwan na waforo akɔ soro na wasiane? Hwan na ɔkura mframa wɔ ne nsam? Hwan na ɔbɔ nsuo boaa, ntoma mu? Hwan na ɔde asase ano nyinaa sisi hɔ? Sɛ wonim a, ne din de sɛn? Na ne ba din de sɛn?


O Sion mmammaa, momfiri adi mmɛhwɛ Ɔhene Salomo, abotire a ne na de bɔɔ no, ne yere hyia da ne n’akoma anigyeɛ da no.


Na wobɛyɛ ahokeka abotire, AWURADE nsa mu ne ɔhene abotitene, wo Nyankopɔn nsam.


Na wɔawo akɔkoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabanin; na n’ahennie bɛda ne mmatiri so, na wɔafrɛ ne din sɛ: Ɔfotufoɔ Nwanwani, Onyankopɔn Tumfoɔ, Daa Agya, Asomdwoeɛ Hene.


na ne nipadua te sɛ sikabereɛboɔ, na n’anim te sɛ anyinam, na n’ani te sɛ ogyaframa, na n’abasa ne ne nan te sɛ yaawa a wɔahoa ho, na ne kasa nnyegyeeɛ te sɛ nnipa dodoɔ nne.


Na AWURADE wɔn Nyankopɔn bɛgye wɔn nkwa ɛda no sɛ ne man nnwankuo, ɛfiri sɛ wɔbɛyɛ abotire aboɔ a ɛhyerɛnhyerɛn n’asase no soɔ.


M’agya de nnoɔma nyinaa ahyɛ me nsa; na obiara nnim Ɔba no, gye Agya no, na obiara nnim Agya no, gye Ɔba no ne deɛ Ɔba no pɛ sɛ ɔyi no adi kyerɛ no.


Monka nkyerɛ Sion babaa sɛ: Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, ɔdwo, na ɔte afunumu ne afunumu a ɔsoa nnoɔma ba so.


Na Yesu ba bɛkasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me.


M’Agya de nnoɔma nyinaa ahyɛ me nsa; na obi nnim deɛ Ɔba no yɛ, gye Agya no. Nanso obi nnim deɛ Agya no yɛ, gye Ɔba no ne deɛ Ɔba no pɛ sɛ ɔyi no adi kyerɛ no.


Na afei menni wiase bio, — na yeinom na ɛwɔ wiase, na me deɛ, mereba wo nkyɛn. Agya Kronkron, wɔn a wode wɔn ama me no, fa wɔn sie wo din mu, na wɔayɛ baako sɛ yɛn.


Mewɔ wɔn nkyɛn no, mede wɔn mesiee wo din mu, wɔn a wode wɔn ama me no; mawɛn wɔn, na wɔn mu bi nyerae, gye ɔyera ba no, — na twerɛsɛm no aba mu.


mpaninnie ne tumidie ne ahoɔden ne wurayɛ nyinaa so, ɛne din a wɔde toɔ, ɛnyɛ wiase ha nko, na mmom wiase a ɛreba no nso mu.


Na mmom, yɛhunu Yesu, deɛ berɛ tiawa bi mu, wɔbrɛɛ no ase senee abɔfoɔ no, sɛdeɛ ɔbɛfa Onyankopɔn adom so bɛka owuo ahwɛ ama nnipa nyinaa. Seesei ɛsiane owuo amanehunu nti, wɔde animuonyam ne anidie abɔ no abotire.


Na ne tiri ne ne nwi hoa sɛ odwanten ho nwi fitaa, sɛ sukyerɛmma, na n’ani te sɛ ogyaframa,


Na nsɛnkyerɛnneɛ foforɔ yii ne ho adi wɔ ɔsoro, na hwɛ, ɔtweaseɛ kakraka kɔkɔɔ a ɔwɔ tire nson ne mmɛn du, na ahemmotire nson bobɔ ne ti.


Na mehunuu aboa bi a ɔwɔ mmɛn du, ɛne tire nson sɛ ɔfiri po mu sɔreeɛ, na ahemmotire du bobɔ ne mmɛn, na abusudin wowɔ ne tiri ho.


Na ɔwɔ din bi a wɔatwerɛ n’atadeɛ ne n’asene mu sɛ: Ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade.


Deɛ ɔdi nkonim no, mɛyɛ no fadum me Nyankopɔn asɔredan mu, na ɔremfiri adi bio, na mɛtwerɛ me Nyankopɔn din wɔ ne so, ne me Nyankopɔn kuro a ɛyɛ Yerusalem foforɔ, a ɛfiri soro ba fam firi me Nyankopɔn nkyɛn no din, ne me din foforɔ no.


Na mehunui na hwɛ, ɔpɔnkɔ fitaa bi nie, na deɛ ɔte ne soɔ no kura tadua. Na wɔmaa no abotire, na ɔfirii adi a ɔredi nkonim na wakɔdi nkonim.


Na AWURADE bɔfoɔ no see no sɛ: Adɛn na worebisa me din a ɛyɛ nwanwa yi?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios