Adiyisɛm 18:6 - New Revised Asante Twi Bible6 Montua no ka, sɛdeɛ ɔtuaa mo ka, na momfa mmɔ ho mmienu mma no, sɛdeɛ ne nnwuma teɛ. Kuruwa a ɔfraeɛ no, momfra mmu mmɔ ho mmienu mma no. Ver CapítuloTwerɛ Kronkron6 Montua no ka, sɛdeɛ ɔtuaa mo ka, na momfa mmɔ ho mmienu mma no, sɛdeɛ ne nnwuma teɛ. Kuruwa a ɔfraeɛ no, momfra mmu mmɔ ho mmienu mma no. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm6 Sɛnea ɔyɛɛ mo no, monyɛ no saa pɛpɛɛpɛ; nea ɔyɛɛ mo biara no, muntua ne so ka mprenu. Nsa a ɔde maa mo no, monhyɛ no nea ano yɛ den mmɔho abien. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm6 Sɛdeɛ ɔyɛɛ mo no, monyɛ no saa pɛpɛɛpɛ; deɛ ɔyɛɛ mo biara no, montua ne so ka mprenu. Nsa a ɔde maa mo no, monhyɛ no deɛ ano yɛ den mmɔho mmienu. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON6 Muntua no ka, sɛnea otuaa mo ka, na momfa mmɔ ho abien mma no, sɛnea ne nnwuma te. Kuruwa a ɔfrae no, momfra mmu mmɔ ho abien mma no. Ver Capítulo |