Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 18:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na asase so adwadifoɔ bɛsu no na wɔagyam no, ɛfiri sɛ obi ntɔ wɔn adwadeɛ bio:

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Na asase so adwadifoɔ bɛsu no na wɔagyam no, ɛfiri sɛ obi ntɔ wɔn adwadeɛ bio:

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 “Aguadifo a wɔwɔ asase so nso su no, efisɛ obiara ntɔ wɔn nneɛma bio.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 “Adwadifoɔ a wɔwɔ asase so nso su no ɛfiri sɛ, obiara ntɔ wɔn nneɛma bio.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Na asase so aguadifo besu no na wɔadi ne ho nkɔmmɔ, efisɛ obi ntɔ wɔn aguade bio:

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 18:11
18 Referencias Cruzadas  

Na emu adenya yɛ sene dwetɛ deɛ, na ne mfasoɔ sene sika amapa.


Na Babel a ɛyɛ ahennie mu kunini, ne Kaldeafoɔ kɛseyɛ animuonyam no, ɛbɛyɛ sɛ Sodom ne Gomora butuo a Onyankopɔn butuu wɔn no.


Saa na wɔn a woabrɛ wɔn ho no bɛyɛ ama woɔ; wɔn a wo ne wɔn ananteɛ firi wo mmɔfraase no, wɔbɛyera akɔ wɔn fam; obiara nni hɔ a ɔbɛgye wo nkwa.


Gebal mpanimfoɔ ne emu anyansafoɔ nso wɔ wo mu repempam w’agoago; ɛpo so ahyɛn nyinaa ne wɔn hyɛn mufoɔ wɔ wo mu di w’adwadeɛ ho nsesadwa.


Montwa adwo, mo a mote Mortar no, ɛfiri sɛ wɔasɛe adwadifoɔ asafo no nyinaa, na wɔatwitwa wɔn a wɔasoa dwetɛ nyinaa.


Wɔn sika ne wɔn dwetɛ nso rentumi nnye wɔn AWURADE abufuo da no, na ne ninkuntwe gya no mu na asase no nyinaa bɛhyeɛ, na ɔdwerɛ a ɛba mpofirim ara na ɔde bɛba asase sofoɔ nyinaa soɔ.


Na wɔn deɛ, wɔamfa anyɛ hwee, na wɔkokɔe. Obi kɔɔ n’afuo mu, na obi nso kɔdii ne dwa.


na ɔsee wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no sɛ: Momfa yeinom mfiri ha, monnyɛ m’Agya fie adwadie fie!


Na wɔnam anibereɛ so de nnaadaasɛm bɛpɛ mo ho mfasoɔ. Wɔn na ɛfiri tete wɔn atemmuo ntwentwɛn aseɛ, na wɔn sɛeɛ ntɔ nko.


Nnoɔma yi ho adwadifoɔ a kuro no nti wɔanya adeɛ no, bɛgyinagyina akyiri n’aninyanneɛ no suro nti, na wɔasu na wɔagyam sɛ:


Ɔsoro ne mo ahotefoɔ ne asomafoɔ ne adiyifoɔ, momma mo bo ntɔ mo yam wɔ ne ho, ɛfiri sɛ Onyankopɔn abu no atɛn ama mo.


na kanea hann renhyerɛn wo mu bio, na wɔrente ayeforɔkunu ne ayeforɔ nne wo mu bio, ɛfiri sɛ w’adwadifoɔ yɛɛ asase so nnipa akɛseɛ, na wɔde w’adutoɔ adaadaa amanaman nyinaa.


Ɛfiri sɛ amanaman nyinaa anom n’adwamammɔ abufuo nsa no bi, na asase so ahemfo ne no abɔ adwaman, na asase so adwadifoɔ nam ne taamudie ahoɔden so anya wɔn ho.


Na asase so ahemfo a wɔne no abɔ adwaman na wɔadi taamu no, sɛ wɔhunu ne hyeɛ wisie a, wɔbɛsu no, na wɔabobɔ ne ho abubuo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios