Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 18:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 N’aninyanneɛ no suro nti wɔbɛgyinagyina akyiri aka sɛ: Due, due, kuro kɛseɛ Babel, kuro a ɛyɛ den, ɛfiri sɛ dɔnhwereɛ baako mu na w’atemmuo aba.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 N’aninyanneɛ no suro nti wɔbɛgyinagyina akyiri aka sɛ: Due, due, kuro kɛseɛ Babel, kuro a ɛyɛ den, ɛfiri sɛ dɔnhwereɛ baako mu na w’atemmuo aba.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Nʼamanehunu no hu a ɛyɛ nti, wobegyina akyiri asu se, “ ‘Due! Due, Ao, kuropɔn, Ao Babilonia, kuropɔn a ɛwɔ tumi! Wʼatemmu aba dɔnhwerew baako pɛ mu.’

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Nʼamanehunu no hu a ɛyɛ enti, wɔbɛgyina akyiri asu sɛ, “ ‘Due! Due, Ao, kuropɔn kɛseɛ, Ao Babilonia, kuropɔn a ɛwɔ tumi! Dɔnhwere baako pɛ mu, wʼatemmuo aba.’

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 N’aninyanne no suro nti wobegyinagyina akyiri aka sɛ: Due, due, kurow kɛse Babel, kurow a ɛyɛ den, efisɛ dɔnhwerew biako mu na w’atemmu aba.

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 18:10
17 Referencias Cruzadas  

na hwɛ, nteaseɛnam ne nnipa, apɔnkɔsotefoɔ baanu baanu na wɔreba yi. Na ɔgyee so sɛ: Ahweaseɛ oo! Babel ahwe ase! Na n’anyame ahoni nyinaa, wɔabubu agu fam.


Na nnoɔma mmienu yi bɛba wo so amonom, da koro, abawuo ne kunayɛ. Ɛbɛba wo so ama no aduru pɛ, wo ntafowayie dodoɔ ne wo nkaberɛkyekyerɛ a ano yɛ den no nyinaa akyiri.


Buei! Ɛda no so a ebi renyɛ sɛ ɛno, na ɛyɛ ahohiahia berɛ ma Yakob. Nanso wɔbɛfiri emu hɔ ara agye no nkwa.


Na mɛteetee aman bebree akoma, berɛ a mɛfa wo dommum akɔ amanaman mu, nsase a wonnim soɔ no soɔ;


Ao, ɛda no! Na AWURADE da no abɛn, na ɛreba sɛ ɔsɛeɛ tumi afiri Otumfoɔ nkyɛn.


Enti sɛ AWURADE, asafo Nyankopɔn, AWURADE no seɛ nie: Adwotwa wɔ mmɔntene nyinaa so, na wɔka no mmorɔno nyinaa so sɛ: Buee, buee! Na wɔfrɛ okuafoɔ ma no bɛsu, ne wɔn a wɔnim su ma wɔbɛtwa agyaadwo.


Na Israelfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia no nyinaa dwanee wɔ wɔn gyegyeegye no ano, kaa sɛ: Anyɛ a asase bɛmene yɛn nso!


Na wɔn afunu bɛdeda kuro kɛseɛ no abɔntene so, kuro a honhom mu wɔfrɛ no Sodom ne Misraim, deɛ wɔbɔɔ wɔn Awurade nso asɛnnua mu no.


Na ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔtɔ so mmienu dii akyire kaa sɛ: Babel kɛseɛ no ahwe ase, ahwe ase, ɛfiri sɛ wama amanaman nyinaa anom n’adwamammɔ abufuo nsa no bi.


Na kuro kɛseɛ no mu paee afaafa mmiɛnsa, na amanaman nkuro hwehwee ase, na wɔkaee Babel kɛseɛ no, Nyankopɔn anim, sɛ wɔbɛma no n’abufuo a emu yɛ den no nsa kuruwa.


Na mmɛn du a wohunuiɛ no ne ahemfo du a wɔnnyaa ahennie, nanso wɔne aboa no bɛnya tumi sɛ ahemfo dɔnhwere baako.


na wɔhunuu ne hyeɛ wisie no, wɔteaa mu sɛ: Kuro bɛn na ɛte sɛ kuro kɛseɛ yi?


Na wɔde dɔteɛ guu wɔn atifi, na wɔde osu ne gyam teaa mu sɛ: Due, due, kuro kɛseɛ yi a n’aboɔdenneɛ nti wɔn a wɔwɔ hyɛn wɔ ɛpo soɔ nyinaa anyinya wɔn ho wɔ mu, ɛfiri sɛ dɔnhwereɛ baako pɛ mu na wɔayɛ no pasaa.


Na ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi maa ɔboɔ bi a ɛte sɛ owiyammoɔ kɛseɛ so to twenee ɛpo mu kaa sɛ: Sɛdeɛ wɔbɛto kuro kɛseɛ Babel atwene hwii ne no, na wɔrenhunu bio koraa.


Yei nti na ne haw bɛba da koro pɛ, owuo ne awerɛhoɔ ne ɛkɔm, na wɔde ogya bɛhye no, ɛfiri sɛ Awurade Nyankopɔn a ɔbu no atɛn no yɛ ɔhoɔdenfoɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios