Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 16:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na deɛ ɔtɔ so nnan no hwiee ne kuruwa no guu owia so. Na wɔmaa no ogya ahoɔden sɛ ɔmfa nhyehye nnipa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Na deɛ ɔtɔ so nnan no hwiee ne kuruwa no guu owia so. Na wɔmaa no ogya ahoɔden sɛ ɔmfa nhyehye nnipa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Ɔbɔfo a ɔto so anan no hwiee ne kuruwa mu abufuw no guu owia so na wɔmaa no tumi sɛ ɔnhye nnipa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so ɛnan no hwiee ne kuruwa no mu abufuo guu owia so na wɔmaa no tumi sɛ ɔnhye nnipa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na nea ɔto so anan no hwiee ne kuruwa no guu owia so. Na wɔmaa no ogya ahoɔden sɛ ɔmfa ogya nhyehye nnipa.

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 16:8
11 Referencias Cruzadas  

Na ɔsrane ani bɛwu, na owia anim bɛgu ase, ɛfiri sɛ asafo AWURADE bɛdi hene wɔ Sion bepɔ so ne Yerusalem, na wayi n’animuonyam wɔ ne mpanimfoɔ anim.


Na ɛbaa sɛ owia pueeɛ no, Onyankopɔn siesiee apueeɛ mframa a emu yɛ hyeɛ, na owia bɔɔ Yona atifi maa no tɔɔ piti. Na ɔsrɛɛ sɛ anka ɔnwu, na ɔse: Owuo yɛ ma me sene nkwa.


na owia firiiɛ no, ɛkusae, na ɛsiane sɛ ɛnni nhini nti, ɛhyeeɛ.


Na nsɛnkyerɛnneɛ bɛba owia ne ɔsrane ne nsoromma mu, na amanaman ho bɛyera wɔn asase so, ɛpo ne asorɔkyeɛ a ɛrehuro no nti;


Owia bɛdane sum, na ɔsrane adane mogya ansa na Awurade da kɛseɛ a ɛhyerɛn no aba.


Na ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔwɔ ogya so tumi firii afɔrebukyia mu de nne kɛseɛ teaa mu kyerɛɛ deɛ ɔkura kantankrankyi nnamnnam no sɛ: To wo kantankrankyi nnamnnam no twitwa asase so bobe asiasia, ɛfiri sɛ n’aba no abere.


Na ɔtee nsɔano a ɛtɔ so nsia no ano no, mehunuu asasewosoɔ kɛseɛ, na owia yɛɛ tumm sɛ ayitoma, na ɔsrane danee sɛ mogya.


Ɛkɔm renne wɔn bio, nso sukɔm renne wɔn bio, nanso owia anaa ahuhuro biara rento wɔn.


Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nnan no hyɛnee ne totorobɛnto. Na wɔbɔɔ owia nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, ne ɔsrane nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, ne nsoromma nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, na wɔn nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako no duduruu sum, na adekyeeɛ mu nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako anhyerɛn, na anadwo nso saa ara.


Na ɔbuee ebunu abura no ano, na wisie a ɛte sɛ fononoo kɛseɛ mu wisie firii abura no mu, na owia ne ahunum duruu sum, abura no mu wisie no nti.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios