Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 16:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na mehunuu ahonhom fi mmiɛnsa a wɔte sɛ mponkyerɛne, sɛ wɔfiri ɔtweaseɛ no anomu ne aboa no anomu ne adiyifoɔ atorofoɔ no anomu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Na mehunuu ahonhom fi mmiɛnsa a wɔte sɛ mponkyerɛne, sɛ wɔfiri ɔtweaseɛ no anomu ne aboa no anomu ne adiyifoɔ atorofoɔ no anomu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Afei mihuu ahonhommɔne abiɛsa bi a na wɔte sɛ mpɔtorɔ a na wofifi ɔwɔ no ne aboa no ne atoro diyifo no anom.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Afei, mehunuu ahonhommɔne mmiɛnsa bi a na wɔte sɛ mponkyerɛne a na wɔfifiri ɔtweaseɛ no ne aboa no ne atorɔ odiyifoɔ no anom.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Na mihuu ahonhom fi abiɛsa a wɔte sɛ mpɔtorɔ sɛ wofi ɔtweaseɛ no anom ne aboa no anom ne atoro diyifo no anom.

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 16:13
17 Referencias Cruzadas  

Wɔn asase dɔɔ mponkyerɛne manyamanya maa wɔbaa wɔn ahemfo mpia mu.


Ɔsomaa ahuriiɛ bɛguu wɔn so maa wɔbɛwee wɔn, ne mponkyerɛne maa wɔbɛsɛee wɔn.


Monhwɛ mo ho yie adiyifoɔ atorofoɔ ho, na wɔnam nnwanten nwoma mu ba mo nkyɛn, na wɔn mu deɛ, wɔyɛ mpataku adufudepɛfoɔ.


Na wɔyɛ ahonhommɔne ahonhom a wɔyɛ nsɛnkyerɛnneɛ, na wɔfiri kɔ wiase nyinaa ahemfo nkyɛn kɔboaboa wɔn ano ma Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛseɛ no mu ko no.


Na ɔde nne a emu yɛ den teaa mu sɛ: Wahwe ase, Babel kɛseɛ no ahwe ase, na adane ahonhommɔne tenaberɛ ne ahonhom fi nyinaa atɛeɛ ne nnomaa a wɔyɛ fi na wɔkyiri wɔn nyinaa atɛeɛ!


Na wɔkyeree aboa no ne odiyifoɔ torofoɔ no nso a ɔyɛɛ n’anim nsɛnkyerɛnneɛ, de daadaa wɔn a wɔgyee aboa no agyiraeɛ ne wɔn a wɔkotoo ne honi no kaa ne ho. Wɔtoo wɔn baanu yi animono guu ogya tadeɛ a sɔfe dɛre mu no mu.


Na ɔbonsam a ɔdaadaa wɔn no, wɔtoo no twenee ogya ne sɔfe tadeɛ no mu, deɛ aboa no ne odiyifoɔ torofoɔ no wɔ, na wɔbɛyɛ wɔn ayayadeɛ awia ne anadwo daa daa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios