Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 14:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔtu nam soro mfimfini a ɔkura daa asɛmpa bi rekɔka akyerɛ wɔn a wɔte asase soɔ, ne aman ne mmusuakuo ne kasa ne nkurɔfoɔ nyinaa,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔtu nam soro mfimfini a ɔkura daa asɛmpa bi rekɔka akyerɛ wɔn a wɔte asase soɔ, ne aman ne mmusuakuo ne kasa ne nkurɔfoɔ nyinaa,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Afei mihuu ɔbɔfo foforo sɛ watu nam sorosoro a ɔrekɔka asɛmpa a entwa mu da no akyerɛ asase so nnipa a aman ne mmusuakuw ne ɔkasa ne nkurɔfo nyinaa ka ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Afei mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ sɛ watu nam ɔsorosoro a ɔrekɔka Asɛmpa a ɛntwam da no akyerɛ asase so nnipa a aman ne mmusuakuo ne kasa ne nkurɔfoɔ nyinaa ka ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na mihuu ɔbɔfo foforo a otu nam ɔsoro mfinimfini a okura daa asɛmpa bi rekɔka akyerɛ wɔn a wɔte asase so, ne aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa,

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 14:6
30 Referencias Cruzadas  

Na Onyankopɔn kaa sɛ: Ewiem mmra, na ɛmmɛpae nsuo no mu.


Aane, ɛnyɛ saa na me fie teɛ wɔ Nyankopɔn nkyɛn? Na ɔne me apam daa apam, wasiesie nnoɔma nyinaa mu na wɔhwɛ so. Na me mmoa nyinaa ne deɛ mepɛ nyinaa, ɔremma no mfefɛ anaa?


Wo tenenee yɛ daa tenenee, na wo mmara yɛ nokorɛ.


na hwɛ sɛ amaneɛ kwan bi wɔ me hɔ, na gya me kɔ daa kwan so!


W’ahennie yɛ daa ahennie, na wo tumidie fa awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.


Nwira dwan, na nhwiren twam, na yɛn Nyankopɔn asɛm bɛtim hɔ daa.


AWURADE de daa daa nkwagyeɛ gye Israel; mo ani renwu, na mo anim rengu ase bio da biara da.


Momma mo ani so nkɔ soro, na monhwɛ asase ɛfam, na ɔsoro bɛyera sɛ wisie, na asase asu sɛ atadeɛ, na ɛsofoɔ awuwu sɛ anwansena, na me nkwagyeɛ bɛtena hɔ daa, na me nkwagyeɛ rensa da.


na nweweboaa bɛwe wɔn sɛ atadeɛ, na abubummabaa awe wɔn sɛ kuntu; na me tenenee bɛtena hɔ akɔsi daa, na me nkwagyeɛ afa awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.


Serafim gyinagyina ne nkyɛn. Wɔn mu biara wɔ ntaban nsia. Wɔn mu biara de ntaban mmienu kata wɔn anim. Na wɔde mmienu kata wɔn nan ho, na wɔde mmienu nso tu.


Na abɔdeɛ ateasefoɔ no de mmirika redi akɔneaba te sɛ anyinam.


Ɔhene Nebukadnessar de yei kɔmaa aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa a wɔte asase nyinaa soɔ: Ɛnsi mo yie mmoroso!


na meda so merekasa me mpaebɔ mu no, Ɔbɔfoɔ Gabriel a mehunuu no anisoadehunu mu akane no tuu ntɛmntɛm bɛkaa me, anwummerɛ afɔrebɔ berɛ mu.


Deɛ meka mekyerɛ mo esum mu no, monka no hann mu, na deɛ mote no mo aso mu no, mompae mu nka no adan atifi.


Na ɔsee wɔn sɛ: Monkɔ wiase nyinaa nkɔka asɛmpa no nkyerɛ abɔdeɛ nyinaa.


Deɛ ɔtumi sɛ ɔhyɛ mo den, sɛdeɛ m’asɛmpa ne Yesu Kristo ho asɛnka teɛ, sɛdeɛ ahuntasɛm a akane teteete no wɔanka,


nanso gye sɛ mokɔ so ara tena gyidie no mu, gyina mo fapem no so pintinn a momma wɔntwe mo mfiri asɛmpa no anidasoɔ a moteeɛ a wɔaka no wiase abɔdeɛ nyinaa mu, a me Paulo mayɛ ho somfoɔ no ho.


Na ɔno yɛn Awurade Yesu Kristo ne yɛn Agya Nyankopɔn a ɔdɔ yɛn na wama yɛn daa awerɛkyekyerɛ ne anidasoɔ pa adom mu no,


Na asomdwoeɛ Nyankopɔn a ɔnam daa apam no mogya soɔ, ayi nnwan no hwɛfoɔ kɛseɛ a ɔne yɛn Awurade Yesu afiri awufoɔ mu no,


na Awurade asɛm deɛ, ɛte hɔ daa. Na yei ne asɛmpa a wɔaka akyerɛ mo no.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛsɛ sɛ woka nkurɔfoɔ ne aman ne ɔkasa ne ahemfo bebree ho adiyisɛm bio.


na mmom nna a ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no bɛhyɛne n’abɛn no, na Onyankopɔn ahuntasɛm no aba mu, sɛdeɛ ɔkaa ho asɛmpa kyerɛɛ ne nkoa, adiyifoɔ no.


Na wɔmaa no kwan sɛ ɔntu ahotefoɔ so sa, na ɔnni wɔn so nkonim. Na wɔmaa no mmusuakuo ne nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ ne aman nyinaa so tumi.


Ɛsiane sɛ woadi me boasetɔ asɛm soɔ nti, me nso mɛkora wo, sɔhwɛ berɛ a ɛbɛba wiase nyinaa soɔ, sɛ wɔbɛsɔ wɔn a wɔte asase soɔ ahwɛ no, mu.


Na wɔtoo dwom foforɔ sɛ: Wofata sɛ wogye nwoma no na wobue ne nsɔano no, ɛfiri sɛ wɔaku wo, na wode wo mogya atɔ yɛn ama Onyankopɔn, afiri mmusua ne ɔkasa ne nkurɔfoɔ ne aman nyinaa mu,


Na mehunui, na metee sɛ ɔkɔdeɛ baako a ɔtu faa soro mfimfini no de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Wɔn a wɔte asase soɔ no nnue, wɔnnue, wɔnnue, totorobɛnto a aka a abɔfoɔ baasa no rebɛhyɛne no nne no nti!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios