Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 12:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 na wafa afuro, na ɔretea mu reko awoɔ, na awoɔ aden no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 na wafa afuro, na ɔretea mu reko awoɔ, na awoɔ aden no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Na ɔyem a ɔrebɛwo, na awoyaw nti na ɔresu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Na ɔnyem a ɔrebɛwo, na awoyea enti, na ɔresu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 na wafa afuru, na ɔteɛm reko awo, na awo no aden no.

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 12:2
12 Referencias Cruzadas  

Sɛdeɛ onyinsɛnfoɔ a ɔbɛn awoɔ kyem na ɔtea mu ne yea mu no, sɛdeɛ yɛteɛ, wo, AWURADE, anim ne no;


Ɔbɛhunu ne kra brɛ no ho adeɛ amee. Ne hunu mu na m’akoa teneneeni no bɛnya tenenee ama nnipa pii, na ɔno ara afa wɔn amumuyɛ nso asoa.


To dwom, wo bonini a woanwoɔ; to anigyeɛ dwom na fa ahosan team, wo a wonkyem mma! Na onnibie mma bɛdɔɔso asene deɛ ɔwɔ kunu mma, AWURADE na ɔseɛ.


Montie oo, ɛnne bi firi kuro no mu! Ɛnne bi firi asɔrefie! AWURADE a ɔtua n’atamfo nneyɛɛ so ka no nne!


Afei, adɛn nti na woteam denden? Ɔhene biara nni wo mu anaasɛ wo fotufoɔ no ayera, na awoɔ aka wo sɛ ɔwofoɔ yi?


Enti ɔde wɔn bɛma akɔsi berɛ a ɔwofoɔ bi bɛwoɔ, na ne nuanom nkaeɛ bɛsane ne Israel mma nso aba.


Na yeinom nyinaa ne awoko yea mfitiaseɛ.


Ɔbaa, sɛ ɔrewo a, ɔte yea, ɛfiri sɛ ne dɔn adu; na sɛ ɔnya wo ɔba no a, ɔnkae ahohia no bio, anigyeɛ a wanya sɛ wɔawo ɔba aba wiase no nti.


Ao, me mma nkumaa a mereko mo awoɔ bio kɔsi sɛ wɔbɛwie Kristo suyɛ wɔ mo mu,


Ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: Wo obonini a wonwoɔ, ma w’ani nnye; Wo a wonko awoɔ, di ahurisie na team! Ɛfiri sɛ deɛ ɔnni bie no mma dɔɔso kyɛne deɛ ɔwɔ kunu no deɛ.


Na ɔde ne dua twee ɔsoro nsoromma nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, na ɔtoto guu asase so. Na ɔtweaseɛ no bɛgyinaa ɔbaa a ɔrebɛwoɔ no anim, na sɛ ɔwo a, wamene ne ba no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios