Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 11:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Yeinom wɔ tumi sɛ wɔto ɔsoro mu, na osuo ntɔ wɔn adiyie nna no mu, na wɔwɔ nsuo so tumi sɛ wɔma no dane mogya ne sɛ wɔde haw biara ha asase da biara a wɔpɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Yeinom wɔ tumi sɛ wɔto ɔsoro mu, na osuo ntɔ wɔn adiyie nna no mu, na wɔwɔ nsuo so tumi sɛ wɔma no dane mogya ne sɛ wɔde haw biara ha asase da biara a wɔpɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Wɔwɔ tumi sɛ wɔto ɔsoro mu a osu rentɔ wɔ bere a wɔrehyɛ nkɔm no. Wɔwɔ tumi sɛ wɔdan nsu ma ɛyɛ mogya na wɔde ɔhaw to asase so mpɛn dodow biara a wɔpɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Wɔwɔ tumi sɛ ɛberɛ a wɔreka Onyankopɔn asɛm no, wɔto soro mu, a osuo rentɔ. Wɔwɔ tumi sɛ wɔde ɔhaw bɛto asase so mpɛn dodoɔ biara a wɔpɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Eyinom wɔ tumi sɛ wɔto ɔsoro mu na osu ntɔ wɔn adiyi nna no mu, na wɔwɔ nsu so tumi sɛ wɔma ɛdan mogya, ne sɛ wɔde haw biara haw asase da biara a wɔpɛ.

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 11:6
11 Referencias Cruzadas  

Na Tisbini Elia a ɔfiri Gilead atubrafoɔ mu ka kyerɛɛ Ahab sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn a megyina n’anim te aseɛ yi, obosuo anaa osuo rentɔ mfeɛ yi mu gye sɛ ɛnam m’asɛm so!


Na meka no nokorɛ mu, Elia berɛ so a ɔsoro mu too mfeɛ mmiɛnsa ne abosome nsia, na ɛkɔm kɛseɛ baa asase no nyinaa soɔ no, akunafoɔ pii wɔ Israel deɛ,


Na mɛma m’adansefoɔ baanu afirafira ayitoma abɛka adiyisɛm nna apem ahanu aduosia.


Na deɛ ɔtɔ so mmienu no hwiee ne kuruwa no guu po mu. Na ɛdanee sɛ owufoɔ mogya, na ɛpo no mu mmoa nyinaa wuwuiɛ.


Na deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no hwiee ne kuruwa no guu nsubɔntene ne asutire mu, na ɛdanee mogya.


Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmienu no hyɛnee ne totorobɛnto. Na wɔtoo adeɛ bi a ɛte sɛ bepɔ kɛseɛ a ogya rehyeɛ no twenee po mu, na ɛpo nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako danee mogya,


Buei, yɛnnue! Hwan na ɔbɛyi yɛn afiri anyame atumfoɔ yi nsam? Yeinom ne anyame a wɔde haw nyinaa haa Misraim ɛserɛ so no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios