Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 11:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Na amanaman no bo afu, na w’abufuo ne awufoɔ berɛ no aduru sɛ wobɛbu atɛn, na woama wo nkoa, adiyifoɔ ne ahotefoɔ ne wɔn a wɔsuro wo din, nketewa ne akɛseɛ no akatua, na woasɛe wɔn a wɔasɛe asase no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

18 Na amanaman no bo afu, na w’abufuo ne awufoɔ berɛ no aduru sɛ wobɛbu atɛn, na woama wo nkoa, adiyifoɔ ne ahotefoɔ ne wɔn a wɔsuro wo din, nketewa ne akɛseɛ no akatua, na woasɛe wɔn a wɔasɛe asase no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Aman bo fuwii, na wʼabufuwhyew no aba. Bere aso sɛ wobu awufo atɛn. Bere a ɛsɛ sɛ wobɔ wo nkoa, adiyifo ne wo nkurɔfo nyinaa a wosuro wo, akɛse ne nketewa no aba so no adu. Bere adu sɛ wosɛe wɔn a wɔsɛee asase no!”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Amanaman no bo fuiɛ, ɛfiri sɛ wʼabofuo berɛ no aduru a ɛsɛ sɛ wɔbu awufoɔ atɛn. Ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wobɔ wo nkoa adiyifoɔ no aba so ne wo nkurɔfoɔ a wɔdi wo din ni no, akɛseɛ ne nketewa. Ɛberɛ aduru sɛ wosɛe wɔn a wɔsɛee asase no!”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 Na amanaman no bo afuw, na w’abufuw ne awufo bere no adu sɛ wubebu atɛn, na woama wo nkoa, adiyifo ne ahotefo ne wɔn a wosuro wo din, nketewa ne akɛse no akatua, na woasɛe wɔn a wɔasɛe asase no.

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 11:18
48 Referencias Cruzadas  

Na sɛ ɔsoro ware sene asase no, sɛ n’adɔeɛ so, wɔn a wɔsuro no soɔ ne no.


AWURADE a ɔwɔ wo nifa soɔ no bɛbobɔ ahemfo, n’abufuo da no.


AWURADE ani sɔ wɔn a wɔsuro no, wɔn a wɔn ani da n’adɔeɛ soɔ.


Ɛno na ɔbɛkasa akyerɛ wɔn n’abufuo mu, na ɔde n’abufuhyeɛ bɛyi wɔn hu aka sɛ:


Ampa ara, ne nkwagyeɛ bɛn wɔn a wɔsuro no, na animuonyam atena yɛn asase so.


Asɛm no awieeɛ, deɛ yɛateɛ nyinaa ne sɛ: Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na yei ne nnipa nyinaa asɛdeɛ.


Sɛ ɔdebɔneyɛni di asɛmmɔne mprɛha na ɔtena hɔ kyɛre a, ɛnyɛ dɛn ara a, menim sɛ ɛbɛsi wɔn a wɔsuro Onyankopɔn na wɔfɛre no no yie.


Nanso nsɛm a ɔbɛte afiri apueeɛ ne atifi fam bɛyi no hu, na ɔde anibereɛ kɛseɛ bɛfiri akɔ sɛ ɔrekɔsɛe na wadwerɛ nnipa bebree.


Na wɔbɛtena ase abu atɛn, na wɔagye ne nsam tumi asɛe no ama no ayera akɔsi aseɛ.


Na n’aniteɛ nti ne nnaadaa bɛkɔ so ne nsam, na ɔbɛdi n’akoma mu akokurokosɛm na ɔbɛfiri nkurɔfoɔ bebree awora asɛe wɔn; na ɔbɛsɔre atia ahene mu hene no, nanso ɔbɛbubu a ɛnyɛ onipa nsa na ɛbɛbubu no.


Momma mo ani nnye, na mo ho nsɛpɛ mo, na mo akatua so wɔ soro; na saa ara na wɔtaa adiyifoɔ a wɔdii kan no.


na ne mmɔborɔhunu wɔ wɔn a wɔsuro no so, awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ nyinaa mu.


Na sɛdeɛ ɛda hɔ ma nnipa sɛ wɔbɛwu prɛko na ɛno akyi atemmuo bɛba no,


na mmom nna a ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no bɛhyɛne n’abɛn no, na Onyankopɔn ahuntasɛm no aba mu, sɛdeɛ ɔkaa ho asɛmpa kyerɛɛ ne nkoa, adiyifoɔ no.


Na adihɔ a ɛwɔ asɔredan no ho no deɛ, gya to hɔ, na nsusu, ɛfiri sɛ wɔde ama amanaman mufoɔ, na wɔbɛtiatia kuro kronkron no so abosome aduanan mmienu.


Sɛ obi fa nnommum a, wɔbɛfa no dommum. Sɛ obi de nkrantɛ kum a, ɛtwa sɛ wɔde nkrantɛ ku no. Ɛha na ahotefoɔ boasetɔ ne gyidie wɔ.


Na ɔma nketewa ne akɛseɛ, adefoɔ ne ahiafoɔ, adehyeɛ ne nkoa nyinaa pene ma wɔhyɛ wɔn agyiraeɛ, wɔn nsa nifa anaa wɔn moma so,


ɔno ara na ɔbɛnom Nyankopɔn abufuo nsa a wɔahwie no gyenegyene agu n’abufuo kuruwa mu no bie, na wɔayɛ no ayayadeɛ, ogya ne sɔfe mu, abɔfoɔ kronkron ne Adwammaa no anim.


Na mehunuu nsɛnkyerɛnneɛ foforɔ bi a ɛso na ɛyɛ nwanwa ɔsoro: Abɔfoɔ baason a wɔkurakura ɔhaw mmusuo nson a ɛtwa toɔ a ɛno na ɛtwa Onyankopɔn abufuo no to.


Na ateasefoɔ baanan no mu baako maa abɔfoɔ baason no sika nkuruwa nson a wɔde Nyankopɔn a ɔte ase daa daa no abufuo no ahyɛ mu mama.


Montua no ka, sɛdeɛ ɔtuaa mo ka, na momfa mmɔ ho mmienu mma no, sɛdeɛ ne nnwuma teɛ. Kuruwa a ɔfraeɛ no, momfra mmu mmɔ ho mmienu mma no.


Na afena nnamnnam bi firi n’anomu a ɔde bɛbobɔ amanaman, na ɔde dadeɛ poma bɛyɛne wɔn. Na ɔno na ɔtiatia Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, abufuo a ɛyɛ den no nsa-kyi-amena no soɔ.


mmɛdi ahemfo nam, asafohene nam, atumfoɔ nam, apɔnkɔ ne wɔn a wɔtete wɔn soɔ nam, adehyeɛ ne nkoa, nketewa ne akɛseɛ nyinaa nam.


Na ɛnne bi firii ahennwa no mu teaa mu sɛ: Monyi yɛn Nyankopɔn ayɛ, mo a moyɛ ne nkoa ne mo a mosuro no nyinaa, akɛseɛ ne nketewa.


Na mehunuu awufoɔ, nketewa ne akɛseɛ, sɛ wɔgyinagyina ahennwa no anim; na wɔbuebuee nwoma mu. Na wɔbuee nwoma foforɔ bi a ɛyɛ nkwa nwoma no mu; na wɔnam nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma no mu no so bubuu awufoɔ atɛn sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ.


Na obiara a wɔanhu no sɛ wɔatwerɛ ne din wɔ nkwa nwoma no mu no, wɔtoo no twenee ogya tadeɛ no mu.


Hwɛ, mereba ntɛm, na mekura m’akatua sɛ mede merebɛma obiara sɛdeɛ n’adwuma teɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios