Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 11:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na mpanimfoɔ aduonu nnan a wɔtete wɔn nhennwa soɔ Nyankopɔn anim no de wɔn anim butubutuu fam, na wɔkotoo Onyankopɔn

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Na mpanimfoɔ aduonu nnan a wɔtete wɔn nhennwa soɔ Nyankopɔn anim no de wɔn anim butubutuu fam, na wɔkotoo Onyankopɔn

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Afei mpanyimfo aduonu anan a wɔtete wɔn ahengua so wɔ Onyankopɔn anim no de wɔn anim butubutuw fam, som Onyankopɔn,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Afei, mpanimfoɔ aduonu ɛnan a wɔte wɔn ahennwa so Onyankopɔn anim no de wɔn anim butubutu fam, somm Onyankopɔn,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Na mpanyimfo aduonu anan a wɔtete wɔn nhengua so Onyankopɔn anim no de wɔn anim butubutuw fam, na wɔkotow Onyankopɔn

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 11:16
7 Referencias Cruzadas  

Na Yesu see wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, mo a moabɛdi m’akyire yi, wiase foforɔ no mu no, ɛda a Onipa Ba no bɛtena n’animuonyam ahennwa soɔ no, mo nso mobɛtena ahennwa dummienu so, abu Israel mmusuakuo dummienu no atɛn.


Na mpanimfoɔ aduonu nnan ne ateasefoɔ baanan no koto sɔree Onyankopɔn a ɔte ahennwa no soɔ no sɛ: Amen, Haleluia!


mpanimfoɔ aduonu nan no hwehwe ase, deɛ ɔte ahennwa no soɔ no anim, na wɔkoto deɛ ɔte ase daa daa no, na wɔyiyi wɔn abotire no gu ahennwa no anim ka sɛ:


Na nhennwa aduonu nan atwa ahennwa no ho ahyia, na mehunuu mpanimfoɔ aduonu nan sɛ wɔtete nhennwa no so hyehyɛ ntadeɛ fitaa na sika abotire bobɔ wɔn ti.


Na ateasefoɔ baanan no kaa sɛ: Amen. Na mpanimfoɔ no hwehwee ase, na wɔkoto sɔree.


Na abɔfoɔ no nyinaa atwa ahennwa no ne mpanimfoɔ no ne ateasefoɔ baanan no ho ahyia, na wɔde wɔn anim butubutuu fam, ahennwa no anim, na wɔkotoo Onyankopɔn


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios