Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 1:20 - New Revised Asante Twi Bible

20 Nsoromma nson a wohunu no me nifa soɔ no ahuntasɛm no, ne sika akaneadua nson no: Nsoromma nson no yɛ asafo nson no abɔfoɔ, na akaneadua nson a wohunuiɛ no yɛ asafo nson no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

20 Nsoromma nson a wohunu no me nifa soɔ no ahuntasɛm no, ne sika akaneadua nson no: Nsoromma nson no yɛ asafo nson no abɔfoɔ, na akaneadua nson a wohunuiɛ no yɛ asafo nson no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

20 Nsoromma ason a wuhu wɔ me nsa nifa mu ne sika akaneadua no nkyerɛase a ɛyɛ ahintasɛm no ni; Nsoromma ason no yɛ asafo ason no abɔfo, na akaneadua ason no nso yɛ asafo ason no.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

20 Nsoromma nson a wohunu wɔ me nsa nifa mu ne sika nkaneadua no nkyerɛaseɛ a ɛyɛ ahintasɛm no ni; Nsoromma nson no yɛ asafo nson no abɔfoɔ, ɛnna nkaneadua nson no nso yɛ asafo nson no.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

20 Nsoromma ason a wuhui no me nifa so no ahintasɛm no, ne sika akaneadua ason no: Nsoromma ason no yɛ asafo ason no abɔfo, na akaneadua ason a wuhui no yɛ asafo ason no.

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 1:20
24 Referencias Cruzadas  

Na yɛ ɛso nkanea nson, na wɔmfa ne nkanea no nsisi so, na ɛnnɛre wɔ anim nkyerɛ fa hɔ.


Na ɔde sika amapa yɛɛ ɛso nkanea nson no ne ɛho adaban ne ɛho nso nkukuwa.


na ɔbisaa me sɛ: Ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Mehunu kaneadua a ne nyinaa yɛ sika, na ne ngo toa tae atifi, na ne nkanea nson wowɔ soɔ, adorobɛn nson nson wɔ hɔ ma atifi nkanea no.


Na ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ ano kora nimdeɛ, na wɔnyɛ nhwɛsoɔ mma afoforɔ, mmara no so die mu, ɛfiri sɛ asafo AWURADE bɔfoɔ ne no.


Na ɔbua see wɔn sɛ: Mo deɛ, wɔde ama mo sɛ monhunu ɔsoro ahennie mu ahuntasɛm no, na wɔn deɛ, wɔmfa mmaa wɔn.


Na ɔse: Mo deɛ, wɔde ama mo sɛ monhunu Nyankopɔn ahennie mu ahuntasɛm no; na wɔn a aka deɛ, wɔde ama wɔn mmebuo mu, na wɔahunu, na wɔanhunu mu, na wɔate, nanso wɔante aseɛ.


Na, anuanom, mempɛ sɛ mesi mo ahuntasɛm yi soɔ, na moammu mo ho anyansafoɔ. Ɛne sɛ akomapirim aba Israel afaafa mu, de kɔsi sɛ amanaman mufoɔ no bɛwie mayɛ;


sɛ: Twerɛ deɛ wohunu hyɛ nwoma mu, na fa kɔma asafo ahodoɔ nson no, fa kɔ Efeso, Smirna, Pergamo, Tiatira, Sardi, Filadelfia ne Laodikea.


na ɔkura nsoromma nson wɔ ne nifa mu, na afena anofanu nnamnnam firi n’anomu, na n’anim te sɛ owia rehyerɛn n’ahoɔden mu.


Yohane de kɔma asafo ahodoɔ nson a ɛwɔ Asia no: Adom ne asomdwoeɛ mfiri deɛ ɔwɔ hɔ seesei, deɛ na ɔwɔ hɔ dada, deɛ ɔreba no ne ahonhom nson a ɛwɔ n’ahennwa anim,


Na wɔatwerɛ din bi ne moma so sɛ: Ahuntasɛm. Babel kɛseɛ no, asase so nnwamamfoɔ ne akyiwadeɛ na.


Na ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ me sɛ: Adɛn nti na ayɛ wo nwanwa? Mɛka wo ɔbaa no ne aboa a ɔso no a ɔwɔ tire nson ne mmɛn du no ho ahuntasɛm no.


Efeso asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na deɛ ɔkura nsoromma nson ne nifa mu, deɛ ɔnam sika nkaneadua nson no mfimfini no seɛ:


Na Pergamo asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na deɛ ɔkura afena anofanu nnamnnam no seɛ:


Na Tiatira asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na Nyankopɔn Ba a n’ani te sɛ ogyaframa na ne nan te sɛ yaawa fɛfɛ no seɛ:


Enti kae deɛ wofiri hwee aseɛ, na sakyera w’adwene, na yɛ kane nnwuma no! Anyɛ saa a, mɛba wo so na mabɛyi wo kaneadua mafiri ne siberɛ, gye sɛ wosakyera w’adwene.


Na Smirna asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na ɔkannifoɔ ne okyidifoɔ, deɛ ɔwuiɛ na ɔte ase bio no seɛ:


Na Sardi asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na deɛ ɔwɔ Nyankopɔn ahonhom nson ne nsoromma nson no seɛ: Menim wo nnwuma, sɛ wowɔ din sɛ wote aseɛ, nanso woawuo.


Na Laodikea asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na Amen, ɔdanseni a ɔsɛ sɛ wɔgye no die na ɔyɛ ɔnokwafoɔ no, Nyankopɔn abɔdeɛ farebae no seɛ:


Na Filadelfia asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na ɔkronkronni, ɔnokwafoɔ no, deɛ ɔkura Dawid safoa, na ɔhini a obi nto mu, na ɔto mu, a obi nhini no, seɛ:


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios