Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 1:17 - New Revised Asante Twi Bible

17 Na mehunuu no no, mehwee ne nan ase sɛ owufoɔ, na ɔde ne nsa nifa too me so ka kyerɛɛ me sɛ: Nsuro, mene ɔkannifoɔ ne okyidifoɔ,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

17 Na mehunuu no no, mehwee ne nan ase sɛ owufoɔ, na ɔde ne nsa nifa too me so ka kyerɛɛ me sɛ: Nsuro, mene ɔkannifoɔ ne okyidifoɔ,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Mihuu no no, mekɔhwee nʼanan ase te sɛ owufo. Ɔde ne nsa nifa too me so kae se, “Nsuro! Mene Ɔkannifo ne Okyikafo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Mehunuu no no, mekɔhwee ne nan ase te sɛ owufoɔ. Ɔde ne nsa nifa too me so kaa sɛ, “Nsuro! Mene Ɔkannifoɔ ne Okyikafoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

17 Na mihuu no no, mehwee ne nan ase sɛ owufo, na ɔde ne nsa nifa too me so ka kyerɛɛ me sɛ: Nsuro, mene ɔkannifo ne okyidifo,

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 1:17
30 Referencias Cruzadas  

Nsɛm yi akyiri no, AWURADE asɛm baa Abram nkyɛn anisoadehunu mu sɛ: Nsuro, Abram, mene wo kyɛm, na w’akatua bɛdɔɔso pii.


Woaka me ahyɛm, m’akyiri ne m’anim, na wode wo nsa ato me so.


Na Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monnsuro, monnyina pintinn, na monhwɛ AWURADE nkwagyeɛ a ɔde rebɛkyerɛ mo nnɛ, na Misraimfoɔ a mohu wɔn nnɛ yi, morenhu wɔn da biara da bio.


Na Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monnsuro, na Onyankopɔn rebɛsɔ mo ahwɛ, na ne ho hu atena mo ani so, na moanyɛ bɔne.


Na ɔkaa sɛ: Mene w’agya Nyankopɔn no, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no. Ɛnna Mose kataa n’anim, ɛfiri sɛ na ɔsuro sɛ ɔbɛhwɛ Onyankopɔn.


Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ, mma w’akoma nntu, na mene wo Nyankopɔn. Mehyɛ wo den, nso meboa wo, nso mede me tenenee nifa mekura wo mu.


Hwan na ɔyɛeɛ, na ɔmaa no baeɛ, na ɔfrɛ awoɔ ntoatoasoɔ firi mfitiaseɛ? Ɛyɛ me AWURADE a meyɛ kannifoɔ, na awieeɛ nso, mene ɔno ara.


Sɛ AWURADE, Israel hene, ne ne Gyefoɔ, asafo AWURADE seɛ nie: Mene odikanfoɔ na mene okyidifoɔ, na Onyankopɔn biara nni hɔ gye me nko.


Tie me, O Yakob, ne Israel a mafrɛ woɔ, mene ɔno ara, mene odikanfoɔ, na me ara nso ne okyidifoɔ.


Wotwe pinii da a mefrɛɛ woɔ no; wokaa sɛ: Nsuro!


Sɛdeɛ nyankontɔn a ɛwɔ mununkum mu osutɔ da teɛ no, saa ara na hyerɛn a ɛtwa ho hyia no teɛ. Ɛno ne AWURADE animuonyam hwɛbea no tebea. Na mehunuiɛ no, mehwee ase de m’anim butuu fam, na metee ɛnne a ɛrekasa.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsuro, Daniel, na ɛfiri da a wode w’akoma too soɔ sɛ wobɛte aseɛ na wobɛbrɛ wo ho ase wo Nyankopɔn anim no, wɔate wo nsɛm, na me nso, wo nsɛm nti na mebaeɛ.


Na ɔne me kaa nsɛm yi no, mede m’anim mesii fam, na metɔree mum.


Metee na me yafunum popoe, m’ano saa biribiri, ɛnne no ho; ɔporɔ hyɛnee me nnompe mu, na m’ase popoe, nanso meretena ase komm atwɛn ahohiahia da no na mahwɛ deɛ ɔbɛyɛ ɔman a wɔbɛtoaa yɛn no.


Na ntɛm ara Yesu kasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Momma mo bo ntɔ mo yam, ɛyɛ me, monnsuro!


Na ne ho hu nti, awɛmfoɔ no ho popoe, na wɔyɛɛ sɛ awufoɔ.


Na ɔbɔfoɔ no bua see mmaa no sɛ: Mo deɛ, monnsuro! Na menim sɛ morehwehwɛ Yesu a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no.


Na asuafoɔ no mu baako a Yesu dɔ no no twere Yesu koko mu;


Ɛnna Petro danee n’ani no, ɔhunuu osuani a Yesu dɔ no no sɛ ɔdi wɔn akyire, ɔno na ɔtweree ne kokom adidie no ase a ɔkaa sɛ: Awurade, hwan ne deɛ ɔbɛyi wo ama no?


sɛ: Twerɛ deɛ wohunu hyɛ nwoma mu, na fa kɔma asafo ahodoɔ nson no, fa kɔ Efeso, Smirna, Pergamo, Tiatira, Sardi, Filadelfia ne Laodikea.


Yohane de kɔma asafo ahodoɔ nson a ɛwɔ Asia no: Adom ne asomdwoeɛ mfiri deɛ ɔwɔ hɔ seesei, deɛ na ɔwɔ hɔ dada, deɛ ɔreba no ne ahonhom nson a ɛwɔ n’ahennwa anim,


Awurade se: Mene Alfa ne Omega no, deɛ ɔwɔ hɔ, na ɔwɔ hɔ dada na ɔreba, adeɛ nyinaa so tumfoɔ no.


Na Smirna asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na ɔkannifoɔ ne okyidifoɔ, deɛ ɔwuiɛ na ɔte ase bio no seɛ:


Mene Alfa ne Omega, ɔkannifoɔ ne okyidifoɔ, mfitiaseɛ ne awieeɛ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios