Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




5 Mose 9:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Kae na mma wo werɛ mmfi, sɛdeɛ wohyɛɛ AWURADE wo Nyankopɔn abufuo ɛserɛ soɔ no; ɛfiri da a wofirii Misraim asase soɔ de bɛsii sɛ mobaa ha yi, mote ne so atua.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Kae na mma wo werɛ mmfi, sɛdeɛ wohyɛɛ AWURADE wo Nyankopɔn abufuo ɛserɛ soɔ no; ɛfiri da a wofirii Misraim asase soɔ de bɛsii sɛ mobaa ha yi, mote ne so atua.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Monkae eyi na mommma mo werɛ mmfi sɛnea mohyɛɛ Awurade, mo Nyankopɔn abufuw wɔ sare so hɔ no. Efi bere a mutu fii Misraim besi sɛ muduu ha yi, moakɔ so atew Awurade anim atua.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Monkae yei na mommma mo werɛ mfiri sɛdeɛ mohyɛɛ Awurade, mo Onyankopɔn Abufuo wɔ ɛserɛ so hɔ no. Ɛfiri ɛberɛ a motu firii Misraim bɛsi sɛ moduruu ha yi, moate Awurade anim atua.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Kae, na mma wo werɛ mmfi, sɛnea wuyii AWURADE wo Nyankopɔn abufuw sare so no; efi da a wufii Misraim asase so de besii sɛ mobaa ha yi, motew AWURADE anim atua.

Ver Capítulo Copiar




5 Mose 9:7
33 Referencias Cruzadas  

Na Farao bɛneeɛ no, Israelfoɔ no memaa wɔn ani so, na hwɛ, na Misraimfoɔ di wɔn akyiri reba. Na Israelfoɔ no suroo pii, na wɔsu frɛɛ AWURADE.


Na wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: Adamena a ɛnni Misraim nti na woafa yɛn aba ha sɛ yɛmmɛwuwu ɛserɛ soɔ yi? Ɛdeɛn nti na woayɛ yɛn sɛɛ yi, sɛ woyii yɛn firii Misraim baeɛ yi?


Na Israelfoɔ asafo mu no nyinaa nwiinwii tiaa Mose ne Aaron ɛserɛ so hɔ.


Enti ɔman no ne Mose hamee, na wɔse: Ma yɛn nsuo nnom. Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na mo ne me ham? Adɛn nti na mosɔ AWURADE hwɛ?


Hwɛ yie wɔ n’anim, na tie ne nne; nnwene ntia no, na ɔremfa mo mmarato nkyɛ mo, ɛfiri sɛ me din wɔ ne mu.


Wontee pɛn, nso wonhunui, ɛfiri tete na w’aso mmueeɛ; na menim sɛ nkontompo ara na wotwa, na wɔfrɛ wo mmaratofoɔ firi yafunu mu.


wɔasane kɔ wɔn tete agyanom a wɔampɛ sɛ wɔtie me nsɛm no amumuyɛ mu, na wɔdi anyame foforɔ akyi som wɔn. Israel fie ne Yuda fie ato m’apam a me ne wɔn agyanom pameeɛ no.


Na Israelfoɔ ne Yudafoɔ de m’anim bɔne yɛ ara nko firi wɔn mmeranteberɛ mu. Na ohuro nko ara na Israelfoɔ de wɔn nsa ano adwuma huru me boɔ, AWURADE asɛm nie.


Mo werɛ afiri mo agyanom nnebɔne, ne Yuda ahemfo nnebɔne, ne wɔn yerenom nnebɔne ne mo ara mo nnebɔne ne mo yerenom nnebɔne a wɔyɛɛ no Yuda asase soɔ ne Yerusalem mmorɔno soɔ no?


Na Israel fie tee m’anim atua ɛserɛ so; wɔanni m’ahyɛdeɛ so na wɔpoo m’atemmudeɛ a sɛ onipa yɛ a, ɔbɛnya mu nkwa no, na me home nna nso, wɔguu ho fi bebree. Ɛnna mese: Merehwie m’anibereɛ agu wɔn so, ɛserɛ so, na madwerɛ wɔn.


na ɛhɔ na mobɛkae mo akwan ne mo nneyɛɛ a mode guu me ho fi no nyinaa, na mo ho ayɛ mo nwunu, mo ani so, mo bɔne a moyɛeɛ no nyinaa nti.


Na wɔtee me so atua, na wɔampene sɛ wɔtie me; wɔn mu obiara biara anto n’ani so akyiwadeɛ no antwene, na wannya Misraim abosonhuhuo no. Ɛnna mese: Mɛhwie m’anibereɛ agu wɔn so, de awie m’abufuo no wɔ wɔn so, Misraim asase so.


Ɛno na mobɛkae mo akwammɔne ne mo nneyɛɛ a ɛnyɛ no, na mo amumuyɛ ne mo akyiwadeɛ no nti, mo ho ayɛ mo nwunu, mo anim.


Na afrafrafoɔ a wɔwɔ wɔn mu no kɔn dɔɔ adeɛ, na Israelfoɔ no nso sane suu bio sɛ: Hwan na ɔbɛma yɛn nam adie?


mmarima no a wɔhunuu m’animuonyam ne me nsɛnkyerɛnneɛ a meyɛɛ no Misraim ne ɛserɛ soɔ no a wɔasɔ me ahwɛ mprɛdu nie na wɔantie me nne no nyinaa,


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa Aaron poma no sane bra Adanseɛ no anim na wɔmfa nsie, na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ mma asoɔdenfoɔ no, na woatwa wɔn anwiinwii a wɔnwiinwii tia me no so, na wɔanwuwu.


Na ɔman no kasa tiaa Onyankopɔn ne Mose sɛ: Adɛn nti na moyii yɛn firii Misraim sɛ yɛmmɛwuwu ɛserɛ soɔ? Na aduane biara nni hɔ, na nsuo biara nso nni hɔ, na aduane hunu yi afono yɛn.


na wɔhyiahyiaa ɔman no kɔɔ wɔn anyame afɔreduane ho; na ɔman no didii na wɔsɔree wɔn anyame no;


Na mene asomafoɔ no mu akumaa a mensɛ sɛ wɔfrɛ me ɔsomafoɔ mpo, ɛfiri sɛ metaa Nyankopɔn asafo no;


Enti monkae sɛ, mo a anka kane no moyɛ amanaman mufoɔ honam fam, na wɔn a wɔfrɛ wɔn ho twetiatwafoɔ, mekyerɛ wɔn a wɔde nsa ara kɛkɛ twa honam mu no frɛ mo momonoto no,


Na me deɛ, menim w’atuateɛ ne wo kɔn a asene; hwɛ, meda so ne mo te ase nnɛ yi mpo moyɛ AWURADE anim atuatefoɔ, na me wuo akyiri ɛ!


Na kae kwan a AWURADE wo Nyankopɔn maa wonantee so mfirinhyia aduanan yi ɛserɛ soɔ no nyinaa, sɛ ɔrebrɛ wo ase asɔ wo ahwɛ, na wahunu deɛ ɛwɔ w’akoma mu, sɛ wobɛdi ne mmara nsɛm so anaasɛ worenni so.


AWURADE anim atuatefoɔ ne mo firi da a mehunuu mo.


Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn tu wɔn firi w’anim gu a, nka no w’akoma mu sɛ: Me tenenee nti na AWURADE de me baa sɛ memmɛfa asase yi; na amanaman yi abɔnefosɛm nti na AWURADE retu wɔn afiri w’anim.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios