Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




5 Mose 9:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Ɛnyɛ wo tenenee ne w’akoma a ɛtene nti na worekɔ akɔfa wɔn asase, na mmom amanaman yi abɔnefosɛm nti na AWURADE wo Nyankopɔn retu wɔn afiri w’anim, na wama asɛm a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ wo nananom, Abraham, Isak ne Yakob no atim.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Ɛnyɛ wo tenenee ne w’akoma a ɛtene nti na worekɔ akɔfa wɔn asase, na mmom amanaman yi abɔnefosɛm nti na AWURADE wo Nyankopɔn retu wɔn afiri w’anim, na wama asɛm a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ wo nananom, Abraham, Isak ne Yakob no atim.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Ɛnyɛ sɛ moyɛ atreneefo ne nokwafo nti na morekɔfa wɔn asase no; mmom, efi wɔn amumɔyɛ nti, Awurade, mo Nyankopɔn, bɛpam saa aman yi adi mo anim de ahyɛ ntam a wadi kan aka akyerɛ mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob no ma.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Ɛnyɛ sɛ moyɛ ateneneefoɔ ne nokwafoɔ no enti na morekɔfa wɔn asase no. Esiane wɔn amumuyɛ enti, Awurade, mo Onyankopɔn, bɛpamo saa aman yi adi mo anim de akyerɛ sɛ, wadi ntam a ɔka kyerɛɛ mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob no so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Ɛnyɛ wo trenee ne wo koma a ɛteɛ nti na worekɔ akɔfa wɔn asase, na mmom amanaman yi abɔnefosɛm nti na AWURADE wo Nyankopɔn retu wɔn afi w’anim, na wama asɛm a AWURADE kaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom, Abraham, Isak ne Yakob no atim.

Ver Capítulo Copiar




5 Mose 9:5
26 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE yii ne ho kyerɛɛ Abram kaa sɛ: W’asefoɔ na mede asase yi bɛma wɔn. Na ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ maa AWURADE a ɔyii ne ho kyerɛɛ no no.


Na asase a wohunu yi nyinaa, wo ne w’asefoɔ na mede bɛma mo daa.


Na awoɔ ntoatoasoɔ nnan mu na wɔbɛsane aba ha, ɛfiri sɛ Amorifoɔ amumuyɛ nnya nnurui.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mene AWURADE a ɔde wo firii Ur a ɛwɔ Kaldea no, sɛ mede asase yi bɛma wo sɛ agyapadeɛ.


Na mede asase a woyɛ so hɔhoɔ yi, Kanaan asase nyinaa, bɛma wo ne w’asefoɔ a ɛbɛdi w’akyire, sɛ daa agyapadeɛ, na mayɛ wɔn Nyankopɔn.


Enti berɛ a Onyankopɔn sɛee kanko no nkuro no no, ɔkaee Abraham, na ɔgyee Lot firii butuo a ɔbutuu nkuro a Lot te mu no mu.


Na mɛma w’asefoɔ adɔre sɛ ɔsoro nsoromma, na mede nsase yi nyinaa bɛma w’asefoɔ, na w’asefoɔ mu na wɔbɛhyira asase so amanaman nyinaa,


Na hwɛ, AWURADE gyina atifi, na ɔse: Mene AWURADE, w’agya Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn; asase a woda soɔ yi mede bɛma wo ne w’asefoɔ.


Kae Abraham, Isak ne Israel, wo nkoa a wokaa wɔn wo ara wo ntam see wɔn sɛ: Mɛma w’asefoɔ adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma, na asase a maka ho asɛm yi nyinaa, mede bɛma w’asefoɔ na wɔadi so akɔsi daa no.


Nanso me din nti meyɛe na ɛho angu fi, amanaman a meyii wɔn, wɔn anim no anim.


Ɛno nti ka kyerɛ Israel fie sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Israel fie, ɛnyɛ mo nti na mereyɛ, na mmom me din kronkron a moguu ho fi, amanaman a mokɔɔ hɔ no mu ntira.


Ɛnyɛ mo nti na mereyɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, monhu no saa. Momma mo ani nwu na momfɛre wɔ mo akwan ho, Israel fie.


Mommfa nnoɔma yi biara nngu mo ho fi, ɛfiri sɛ yeinom nyinaa na amanaman a merebɛtu wɔn afiri mo anim yi de agu wɔn ho fi,


na asase no so agu fi, enti na meretua ɛso amumuyɛ no so ka, na asase no afe ɛsotefoɔ no agu.


Fa nokorɛ kyerɛ Yakob, yi adɔeɛ kyerɛ Abraham, sɛdeɛ wokaa yɛn agyanom ntam firi tete nteredee nna mu no.


Mone adiyifoɔ no ne apam a Onyankopɔn ne mo agyanom pameeɛ no mma, sɛ ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ: Na w’asefoɔ mu na wɔbɛhyira asase so mmusua nyinaa.


Asɛmpa no fam deɛ, mo nti wɔyɛ atamfoɔ, na eyie no fam deɛ, agyanom no nti, wɔyɛ adɔfoɔ;


Na mese: Kristo ayɛ twetiatwafoɔ somfoɔ de akyerɛ Nyankopɔn nokorɛ sɛ ɔbɛhyɛ bɔ a wɔahyehyɛ agyanom no mu den;


Hwɛ, mede asase no mato mo anim; monkɔ nkɔfa asase a AWURADE kaa ho ntam kyerɛɛ mo nananom, Abraham, Isak ne Yakob, sɛ ɔde bɛma wɔn ne wɔn asefoɔ a wɔdi wɔn akyire no.


Nyɛ AWURADE wo Nyankopɔn saa, na n’akyiwadeɛ a ɔtane nyinaa na wɔayɛ ama wɔn anyame, na wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa mpo, wɔde ogya hye wɔn ma wɔn anyame.


ɛfiri sɛ AWURADE akyiwadeɛ ne wɔn a wɔyɛ yeinom nyinaa, na akyiwadeɛ yi nti na ɔretu wɔn afiri w’anim yi.


Sɛ wonya duru asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so a, nsua amanaman no nneyɛɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ no yɛ.


Na wɔankyerɛ mo wɔn akyiwadeɛ a wɔyɛ ma wɔn anyame no nyinaa bi yɛ, na moanyɛ AWURADE mo Nyankopɔn bɔne.


ɛmfiri tenenee mu nnwuma a yɛayɛ mu, na mmom ɔno ara ne mmɔborɔhunu nti, na ɛmaa no faa awo foforɔ adwareɛ ne Honhom Kronkron foforɔyɛ so gyee yɛn nkwa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios