Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




5 Mose 9:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 na mehunui, na hwɛ, na moayɛ AWURADE mo Nyankopɔn bɔne ayɛ nantwie ba a wɔaguo afa: Moamane ntɛm afiri ɔkwan a AWURADE hyɛɛ mo no so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 na mehunui, na hwɛ, na moayɛ AWURADE mo Nyankopɔn bɔne ayɛ nantwie ba a wɔaguo afa: Moamane ntɛm afiri ɔkwan a AWURADE hyɛɛ mo no so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Mehwɛe no, mihuu sɛ moayɛ bɔne atia Awurade, mo Nyankopɔn; Moagu nantwi ba sɛso honi ama mo ho. Moaman afi Awurade kwan a ɔkyerɛɛ mo sɛ momfa so no so ntɛm.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Mʼase hɔ no, mehunuu sikakɔkɔɔ nantwie ba a mofiri mo bɔne kɛseɛ mu ayɛ atia Awurade, mo Onyankopɔn. Ankyɛre koraa na modane firii Awurade ɛkwan a ɔkyerɛɛ mo sɛ momfa so no so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 na mihui, na hwɛ, moayɛ AWURADE mo Nyankopɔn bɔne ayɛ nantwi ba a wɔagu afa: Moaman ntɛm afi ɔkwan a AWURADE hyɛɛ mo no so.

Ver Capítulo Copiar




5 Mose 9:16
5 Referencias Cruzadas  

Na ɛbaa sɛ Mose bɛn nsraban no na ɔhunuu nantwie ba ne asa no ara pɛ, ne bo fui, na ɔtoo apono a ɛwɔ ne nsam no gui maa no bobɔe wɔ bepɔ no ase.


Na ɔgyee wɔ wɔn nsam, na ɔde pɛeɛ yeyɛe, na ɔyɛɛ no nantwie a wɔaguo; na wɔkaa sɛ: Israel, yeinom ne w’anyame a wɔyii wo firii Misraim asase so baeɛ no.


Ɛnna medanee me ho mefirii bepɔ no so mesianeeɛ, na bepɔ no redɛre ogya, na apam apono mmienu no kurakura me nsam;


Ɛnna mefaa apono mmienu no meto firii me nsam guiɛ, na mebobɔɔ no wɔ mo anim.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios