Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




5 Mose 9:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 na AWURADE maa me aboɔpono mmienu a wɔde Nyankopɔn nsateaa twerɛeɛ a nsɛm a AWURADE firii ogya mu wɔ bepɔ no so ne mo kaa no dwabɔ da no nyinaa wɔ soɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 na AWURADE maa me aboɔpono mmienu a wɔde Nyankopɔn nsateaa twerɛeɛ a nsɛm a AWURADE firii ogya mu wɔ bepɔ no so ne mo kaa no dwabɔ da no nyinaa wɔ soɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Awurade de apam a ɛwɔ abo kyerɛwpon a Onyankopɔn ankasa akyerɛw nsɛm a ofi ogya a ɛwɔ bepɔw no so no mu ka kyerɛɛ mo no nyinaa maa me.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Awurade de apam a ɛwɔ aboɔ twerɛpono so a Onyankopɔn ankasa atwerɛ so nsɛm maa me. Ɔfiri ogya a ɛwɔ bepɔ no so no mu na ɔde maa me.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 na AWURADE maa me abopon abien a wɔde Onyankopɔn nsatea kyerɛwee a nsɛm a AWURADE fii ogya mu wɔ bepɔw no so ne mo kae guabɔ da no nyinaa wɔ so.

Ver Capítulo Copiar




5 Mose 9:10
11 Referencias Cruzadas  

Na ɔne Mose wiee kasa Sinai bepɔ soɔ no, ɔmaa no adanseɛ apono mmienu, aboɔpono a wɔde Nyankopɔn nsateaa atwerɛ soɔ.


Na sɛ mede Nyankopɔn Honhom na metu ahonhommɔne a, ɛnneɛ na Nyankopɔn ahennie anya aba mo so.


Na sɛ mede Nyankopɔn nsateaa metu ahonhommɔne a, ɛnneɛ na Nyankopɔn ahennie aba mo so.


na moda adi sɛ moyɛ Kristo krataa a wɔnam yɛn som so twerɛeɛ; wɔamfa adubire, na mmom wɔde Onyankopɔn teasefoɔ no honhom na ɛtwerɛeɛ, ɛnyɛ aboɔ apono so, na mmom akoma ho nam apono so.


Na AWURADE twerɛɛ apono no so sɛ kane ntwerɛeɛ no, nsɛm du no a ɔfiri ogya no mu ka kyerɛɛ mo wɔ bepɔ no so dwabɔ da no, na ɔde maa me.


Sɛdeɛ wobisaa AWURADE wo Nyankopɔn wɔ Horeb adwabɔ da no sɛ: Mma mennte AWURADE me Nyankopɔn nne bio, na mma mennhunu ogya kɛseɛ yi bio, na manwu!


Na yei ne apam a nna no akyi me ne Israel fie bɛpam no, Awurade na ɔseɛ: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu, na matwerɛ no wɔn akoma mu, na mayɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios