Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




5 Mose 8:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Hwɛ yie na wo werɛ amfiri AWURADE wo Nyankopɔn sɛ worenni ne mmara nsɛm ne n’atemmudeɛ ne n’ahyɛdeɛ a merehyɛ wo nnɛ yi soɔ;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Hwɛ yie na wo werɛ amfiri AWURADE wo Nyankopɔn sɛ worenni ne mmara nsɛm ne n’atemmudeɛ ne n’ahyɛdeɛ a merehyɛ wo nnɛ yi soɔ;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Na monhwɛ yiye na mo werɛ amfi Awurade, mo Nyankopɔn, sɛ morenni ne mmara ne nʼahyɛde a merehyɛ mo nnɛ yi so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Nanso, monhwɛ yie na mo werɛ amfiri Awurade mo Onyankopɔn a morenni ne mmara ne nʼahyɛdeɛ a merehyɛ mo ɛnnɛ yi so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Hwɛ yiye na wo werɛ amfi AWURADE wo Nyankopɔn a worenni ne mmara nsɛm ne n’atemmude ne n’ahyɛde a merehyɛ wo nnɛ yi so.

Ver Capítulo Copiar




5 Mose 8:11
19 Referencias Cruzadas  

Me kra, hyira AWURADE, na mma wo werɛ mmfiri ne nneyɛɛ pa nyinaa.


Wɔn werɛ firii Onyankopɔn a ɔgyee wɔn na ɔyɛɛ nnoɔma akɛseɛ Misraim,


Na ntetekwaa akyirisan bɛku wɔn, na nkwasea yiedie bɛsɛe wɔn.


na mammee mampa wo manka sɛ: Hwan ne AWURADE? Nanso manni hia manwia adeɛ mamfom me Nyankopɔn din.


Na wo werɛ afiri AWURADE a ɔyɛɛ woɔ na ɔtrɛɛ ɔsoro mu na ɔhyɛɛ asase ase no, na wo ho popo daa daa nyinaa, ɔhodwanfoɔ abufuo nti sɛdeɛ ɔresiesie ne ho abɛsɛe biribie, na ɛhe na ɔhodwanfoɔ abufuo no wɔ?


wɔdwene sɛ wɔbɛma me man werɛ afiri me din, wɔn adaeɛ a wɔkeka kyerɛkyerɛ wɔn ho no nti, sɛdeɛ Baal nti wɔn agyanom werɛ firii me din no?


anaa nsa anaa mfa a wɔde nwono asaawatam anaa kuntutam anaa nwoma anaa adeɛ biara a wɔde nwoma ayɛ mu,


Monkae m’akoa Mose mmara a mehyɛɛ no Horeb, Israel nyinaa ho sɛ ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ no.


na ɛnyɛ mo nnwo a mohwɛ kae AWURADE mmara nsɛm nyinaa yɛ, na moankɔkyini anni mo akoma ne mo aniwa akyi, sɛdeɛ motaa gyae m’akyiridie kɔbɔ adwaman no.


Enti monhwɛ yie na monyɛ ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a mede meresi mo anim nnɛ yi nyinaa.


Na afei, Israel, tie ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a mekyerɛ mo sɛ monyɛ no, na moanya nkwa na moakɔ akɔfa asase a AWURADE mo nananom Nyankopɔn de rema mo no.


Hwɛ, merekyerɛ mo ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ, sɛdeɛ AWURADE me Nyankopɔn hyɛɛ me no sɛ monyɛ saa, wɔ asase a morekɔ soɔ akɔfa no so.


Monhwɛ mo ho yie, na monhwɛ mo kra nso so yie, na mo werɛ amfiri nsɛm a mo ani ahunu no, na mo nkwa nna nyinaa mu amfiri mo akoma mu, na ma mo mma ne mo asefoɔ nhunu.


ne adan a nnepa nyinaa ayɛ no amaama a ɛnyɛ wo na wode hyehyɛɛ mu, ne mmura a wɔatutuo a ɛnyɛ wo na wotutuiɛ, bobe nturo ne ngodua nturo a ɛnyɛ wo na wotetɛeɛ, na sɛ wodidi mee a,


Enti di mmara nsɛm ne atemmudeɛ a merehyɛ wo nnɛ yi so, na yɛ.


hwɛ yie na w’akoma amma ne ho so, na wo werɛ amfiri AWURADE wo Nyankopɔn a ɔyii wo Misraim asase so firii nkoa fie no;


Na Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔn werɛ firii AWURADE wɔn Nyankopɔn, na wɔkɔsom Baalim ne Asera nnua.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios