Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




5 Mose 6:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na nsɛm yi a merehyɛ wo nnɛ yi nna w’akoma so;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na nsɛm yi a merehyɛ wo nnɛ yi nna w’akoma so;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Momma saa mmaransɛm a mede rema wo nnɛ yi ntena mo koma mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Momma saa mmaransɛm a mede rema wo ɛnnɛ yi ntena mo akoma mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na nsɛm yi a merehyɛ wo nnɛ yi nna wo koma so;

Ver Capítulo Copiar




5 Mose 6:6
22 Referencias Cruzadas  

Momma Kristo asɛm no ntena mo mu bebree, monkyerɛkyerɛ na monkasa nkyerɛ mo ho, nyansa nyinaa mu, momfa sankuo so nnwom, ne ayeyie, nnwom ne honhom mu nnwom nto dwom ɔdɛ so wɔ mo akoma mu mma Onyankopɔn.


Na yei ne apam a nna no akyi me ne Israel fie bɛpam no, AWURADE asɛm nie: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn yam, na matwerɛ no wɔn akoma mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman.


Fa kyekyere wo nsateaa so, twerɛ no w’akoma pono so.


Enti momfa me nsɛm yi nsie mo akoma ne mo kra mu, na fa yɛ nsɛnkyerɛnneɛ kyekyere wo nsa, na ɛnyɛ w’aniwa ntam nkaeɛ abotire;


ne Nyankopɔn mmara wɔ n’akomam, na ne nan nwatiri.


na moda adi sɛ moyɛ Kristo krataa a wɔnam yɛn som so twerɛeɛ; wɔamfa adubire, na mmom wɔde Onyankopɔn teasefoɔ no honhom na ɛtwerɛeɛ, ɛnyɛ aboɔ apono so, na mmom akoma ho nam apono so.


ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa mo akoma nto nsɛm a meredi mo ho adanseɛ nnɛ yi so, na mode ahyɛ mo mma, sɛ wɔnhwɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa nni so.


Mede wo nsɛm makora m’akomam, na manyɛ wo ho bɔne bi.


Montie me, mo a monim tenenee, ɔman a me mmara wɔ wɔn akoma mu, monnsuro ɔdasani ahohorabɔ, na mommma wɔn ahiyie nnyɛ mo ahopopoɔ,


Na asase pa mu deɛ no ne wɔn a wɔde akoma pa a ɛyɛ te asɛm no, na wɔde sie, na wɔnam boasetɔ mu so aba.


Fa w’akoma nyinaa bata AWURADE ho, na mfa wo ho ntwere w’ankasa wo nteaseɛ.


Na ɔne wɔn sii mu sane kɔɔ Nasaret, na ɔbrɛɛ ne ho ase maa wɔn. Na ne na de nsɛm yi nyinaa siee n’akomam.


Wo mmara nsɛm ayɛ me onyansafoɔ asene m’atamfoɔ, na ɛwɔ me daa.


Deɛ mepɛ ne sɛ mɛyɛ deɛ wo, me Nyankopɔn, wopɛ, na wo mmara wɔ m’akomam.


nokorɛ a ɛte yɛn mu na ɛne yɛn bɛtena hɔ daa no nti:


Na mahu no mayi no sɛ ɔnhyɛ ne mma ne ne fiefoɔ a ɛbɛdi n’akyire sɛ wɔnni AWURADE kwan so nyɛ tenenee ne atɛntenenee adeɛ, na AWURADE ama deɛ waka no Abraham ho no aba ne so.


Na n’atemmudeɛ nyinaa wɔ m’ani so, na n’ahyɛdeɛ nso, memfirii ho.


na twerɛ gu wo fie aponnwa ho ne w’aponkɛseɛ so;


Mede m’ano maka w’anomu atemmuo nyinaa.


Mafa nokorɛdie kwan, mede w’atemmudeɛ magu m’anim.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios