Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




5 Mose 6:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Israel, tie, AWURADE yɛn Nyankopɔn yɛ AWURADE koro.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Israel, tie, AWURADE yɛn Nyankopɔn yɛ AWURADE koro.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Tie, Ao Israel, Awurade yɛn Nyankopɔn yɛ Awurade koro.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Tie, Ao Israel, Awurade yɛn Onyankopɔn yɛ Awurade koro.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Israel, tie, AWURADE yɛn Nyankopɔn ne AWURADE koro.

Ver Capítulo Copiar




5 Mose 6:4
26 Referencias Cruzadas  

Ɛnna Elia twe pinii ɔman no nyinaa nkyɛn bɛkaa sɛ: Ɛnkɔsi da bɛn na mo adwene bɛyɛ mo ntanta? Sɛ AWURADE ne Onyankopɔn a, monni n’akyi: Sɛ Baal nso a, monni n’akyi! Na ɔman no ammua no asɛm biara.


Na Ɔhene Hesekia nkoa no baa Yesaia nkyɛn.


Na Dawid hyiraa AWURADE, badwa no nyinaa anim, na Dawid kaa sɛ: Nhyira ne wo, AWURADE, yɛn agya Israel Nyankopɔn, firi daa kɔsi daa.


Na wɔkɔkyerɛkyerɛɛ Yuda; na wɔkura AWURADE mmara nwoma no, kyinii Yuda nkuro nyinaa mu, kyerɛkyerɛɛ ɔman no mu.


Na Esra kaa sɛ: Wo ara wo nko ne AWURADE, wo na woyɛɛ ɔsoro, ɔsoro mu soro ne wɔn asafo nyinaa, asase ne deɛ ɛwɔ soɔ nyinaa, ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa. Na wo na wohwɛ wɔn nyinaa so, na ɔsoro asafo no, wo na wɔsɔre woɔ.


Ɔde adanseɛ tintim Yakob mu, na ɔhyɛɛ mmara Israel mu, ɛno na ɔde hyɛɛ yɛn agyanom sɛ wɔmma wɔn mma nhunu,


Na woyɛ kɛseɛ, na woyɛ anwanwadeɛ, wo nkutoo ne Onyankopɔn.


Mene AWURADE, me din ne no, na meremfa m’animuonyam mma obi, na m’ayeyie nso, meremfa mma ahoni.


Sɛ AWURADE, Israel hene, ne ne Gyefoɔ, asafo AWURADE seɛ nie: Mene odikanfoɔ na mene okyidifoɔ, na Onyankopɔn biara nni hɔ gye me nko.


Mommma mo akoma nntu, na monnsuro! Ɛno ɛmfiri tete nteredee na memaa moteeɛ na mekaeɛ? Na mone m’adansefoɔ. Onyankopɔn bi wɔ hɔ sɛ me nko? Na ɔbotan biara nni hɔ; mennim obiara.


Na AWURADE bɛdi asase no nyinaa so hene; ɛda no AWURADE bɛyɛ bafua, na ne din ayɛ bafua.


Na ɔsee no sɛ: Dɔ Awurade wo Nyankopɔn w’akoma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu!


Na ɔbuaa sɛ: Fa w’akoma nyinaa, ne wo kra nyinaa, ne w’ahoɔden nyinaa, ne w’adwene nyinaa dɔ Awurade wo Nyankopɔn; na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.


Me ne Agya no yɛ baako.


Na yei ne daa nkwa, sɛ wɔbɛhu wo, nokorɛ Nyankopɔn koro no, ne deɛ wosomaa no no, Yesu Kristo no.


Sɛ ɛte saa deɛ a, ɛnneɛ na ɛyɛ Onyankopɔn koro no ara a ɔfiri gyidie mu bu twetiafoɔ bem no, na ɔnam gyidie soɔ bu momonotofoɔ bem.


yɛn nyinaa Nyankopɔn ne Agya baako a ɔdi yɛn nyinaa soɔ, na ɔfa yɛn nyinaa mu, na ɔte yɛn nyinaa mu.


Enti hunu nnɛ, na fa sie w’akoma mu, sɛ AWURADE ne Onyankopɔn wɔ ɔsoro ne asase so na obi nni hɔ bio.


Mene AWURADE wo Nyankopɔn a meyii wo firii Misraim asase soɔ, nkoafie mu no.


Na Onyankopɔn koro na ɔwɔ hɔ, ne Onyankopɔn ne nnipa ntamgyinafoɔ koro, ɔno ne onipa Kristo Yesu,


Wogye di sɛ Onyankopɔn yɛ baako. Woyɛ no yie; ahonhommɔne nso gye di, na wɔn ho popo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios