Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




5 Mose 5:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Di w’agya ne wo na ni, sɛdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛ woɔ no, na wo nna aware na asi wo yie, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Di w’agya ne wo na ni, sɛdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛ woɔ no, na wo nna aware na asi wo yie, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Di wʼagya ne wo na ni sɛnea Awurade, mo Nyankopɔn, ahyɛ mo no, na ama wo nkwanna aware, na asi wo yiye wɔ asase a Awurade wo Nyankopɔn de rema wo no so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Di wʼagya ne wo maame ni sɛdeɛ Awurade, mo Onyankopɔn, hyɛ mo no. Na ɛbɛma wo nkwa nna aware wɔ asase a Awurade wo Onyankopɔn de bɛma wo no so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Di w’agya ne wo na ni, sɛnea AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛ wo no, na wo nna aware na asi wo yiye, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no so.

Ver Capítulo Copiar




5 Mose 5:16
17 Referencias Cruzadas  

Di wo na ne w’agya ni, na wo nna aware asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so.


Me ba, mma wo werɛ mmfiri me mmara, na ma w’akoma nni me mmara nsɛm so;


Wo mu na wɔbɔ agya ne ɛna adapaa, wo mu na wɔdi ahɔhoɔ amim, wɔhom wo mu agyanka ne okunafoɔ soɔ.


Mo mu biara mmu ne na ne n’agya, na monni me home nna no: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Di w’agya ne wo na ni! Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!


Wonim mmara nsɛm no: Nni awu! Nsɛe awadeɛ! Mmɔ korɔno! Nni adansekurumu! Nsisi! Di w’agya ne wo na ni.


Na Mose kaa sɛ: Di w’agya ne wo na ni; ɛne: Deɛ ɔka agya anaa ɛna ho asɛmmɔne no, owuo na ma no nwuo!


Wonim mmara nsɛm no: Nsɛe awadeɛ! Nni awu! Mmɔ korɔno! Nni adansekurumu! Di w’agya ne wo na ni!


na mo nna aware asase a AWURADE kaa mo nananom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn ne wɔn asefoɔ no so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ.


Nnome nka deɛ ɔyeyɛ n’agya ne ne na! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen!


Na di n’ahyɛdeɛ ne ne mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi so, na awie wo ne wo mma a wɔdi w’akyire yie, na woakye wɔ asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so daa nyinaa.


O, sɛ anka wɔbɛnya akoma a ɛte seyie na wɔde asuro me adi me mmara nsɛm so nna nyinaa, na asi wɔn ne wɔn mma yie daa ɛ!


ɔkwan a AWURADE mo Nyankopɔn ahyɛ mo no nyinaa so na monnanteɛ na moanya nkwa, na asi mo yie, na mo nna aware asase a morekɔnya no so.


na woasuro AWURADE wo Nyankopɔn adi n’ahyɛdeɛ ne ne mmara nsɛm a merehyɛ woɔ yi nyinaa so, wo ne wo ba ne wo ba ba, wo nkwa nna nyinaa, na wo nna aware.


Mma, montie mo awofoɔ asɛm nnoɔma nyinaa mu, na yei na ɛsɔ Awurade ani.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios