Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




5 Mose 32:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na AWURADE kyɛfa ne ne man, Yakob ne n’agyapadeɛ a wɔasusu ama no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Na AWURADE kyɛfa ne ne man, Yakob ne n’agyapadeɛ a wɔasusu ama no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Efisɛ Israelfo yɛ Awurade kyɛfa; Yakob yɛ nʼagyapade wɔde maa no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ɛfiri sɛ, Israelfoɔ yɛ Awurade dea; Yakob yɛ nʼagyapadeɛ sononko.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Na AWURADE kyɛfa ne ne man, Yakob ne n’agyapade a wɔasusuw ama no.

Ver Capítulo Copiar




5 Mose 32:9
28 Referencias Cruzadas  

Sɛ ɔhene bɛtie na wayi n’abaawa afiri onipa a ɔpɛ sɛ ɔsɛe me ne me ba firi Nyankopɔn agyapadeɛ mu no nsam.


Meyɛ wɔn a wɔpɛ asomdwoeɛ ne nokorɛ no mu baako, wo deɛ, worehwehwɛ akum Israel mu kuro a ɛyɛ ɛna; adɛn nti na worebɛmene AWURADE agyapadeɛ?


Ɛfiri sɛ wɔyɛ wo man ne w’agyapadeɛ a woyii wɔn Misraim firii dadeɛ fononoo mu de wɔn baeɛ no,


Na wo AWURADE Nyankopɔn, wo ara na woyii wɔn yɛɛ agyapadeɛ firii asase so aman nyinaa mu, sɛdeɛ wonam w’akoa Mose so kaeɛ ɛberɛ a woyii yɛn agyanom firii Misraim baeɛ no.


Ɛnna AWURADE abufuo dɛre tiaa ne man, na ɔkyirii n’agyapadeɛ.


na menhunu wɔn a woayi wɔn no nnepa, na m’ani nnye wo nkurɔfoɔ no anigyeɛ ho bi, na me ne w’agyapadeɛ nhyehyɛ yɛn ho.


Na AWURADE ayi Yakob afa, ɔde Israel ayɛ ne deɛ.


Boa wo man, na hyira w’apɛgyadeɛ, na yɛne wɔn, na ma wɔn so daa.


Nhyira ne nkurɔfoɔ a wɔn Nyankopɔn ne AWURADE, ne ɔman a wayi wɔn de ayɛ ɔno ara n’apɛgyadeɛ.


Kae w’asafo a wotɔɔ wɔn teteete, woagye wɔn sɛ w’agyapadeɛ mantam no, Sion bepɔ a wobɛtenaa soɔ no.


Ɔmaa no firii nnwammereɛ a wɔma nufoɔ akyiridie bae, sɛ ɔmmɛyɛne ne man Yakob ne n’agyapadeɛ Israel.


Ehu ne suro gu wɔn so, wo basa kɛseyɛ nti wɔayeyɛ komm sɛ ɔboɔ, kɔsi sɛ wo man bɛtwam, O AWURADE, kɔsi sɛ ɔman a wogyee wɔn no bɛtwam.


na ɔkaa sɛ: AWURADE, sɛ manya w’anim adom a, mesrɛ wo, ma AWURADE ntena yɛn mu ne yɛn nkɔ, ɛfiri sɛ wɔyɛ ɔman a wɔn kɔn asene; na fa yɛn amumuyɛ ne yɛn bɔne kyɛ yɛn, na fa yɛn yɛ wo deɛ.


ɛsiane sɛ asafo AWURADE ahyira wɔn sɛ: Nhyira nka me man Misraim ne me nsa ano adwuma Asiria ne m’agyapadeɛ Israel.


Na ɔno na watwe tonto de ama wɔn, na ne nsa de susuhoma akyɛ ama wɔn, sɛ wɔnni so nkɔsi daa, na wɔntena so, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.


ɔman a manwono wɔn mafa no, na wɔaka m’ayeyie akyerɛ.


Yakob kyɛfa nte sɛ yeinom, na nnoɔma nyinaa yɛfoɔ ne no, na Israel ne n’apɛgyadeɛ a ne poma di soɔ; asafo AWURADE ne ne din.


Na mede mo mebaa turo asase so, sɛ monni ɛso aba ne ɛso nnepa. Nanso mobaeɛ no, mobɛguu m’asase ho fi, na mode m’agyapadeɛ yɛɛ akyiwadeɛ.


Yakob kyɛfa nte sɛ yeinom, ɛfiri sɛ nnoɔma nyinaa yɛfoɔ ne no, na Israel ne n’agyapadeɛ abusuakuo, asafo AWURADE ne ne din.


Enti worennya deɛ ɔde susuhoma bɛto wo kyɛfa soɔ, AWURADE asafo mu.


Na AWURADE bɛfa Yuda adi so sɛ ne kyɛfa asase kronkron no so, na wakɔ so afa Yerusalem ayɛ ne deɛ.


na moate aseɛ, na moahunu ne frɛ anidasoɔ no ne n’apɛgyadeɛ animuonyam ahonya wɔ ahotefoɔ no mu.


Na wɔyɛ wo man ne w’agyapadeɛ a wode wo tumi kɛseɛ ne wo nsa a woatene ayi wɔn.


Ɛfiri sɛ AWURADE ne yɛn Nyankopɔn, ɔno ne deɛ ɔyii yɛn ne yɛn agyanom Misraim asase soɔ firii nkoafie baeɛ, na ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ akɛseɛ yi yɛn anim, na ɔhwɛɛ yɛn ɔkwan a yɛnam soɔ no nyinaa mu ne aman a yɛfaa wɔn mu no nyinaa mu.


Ɛnna Samuel faa ngo toa hwie guu n’atifi, na ɔfee n’ano kaa sɛ: Ɛnyɛ sra na AWURADE asra wo asi n’agyapadeɛ so hene ne ɔman Israel so anaa? Na wobɛdi AWURADE nkurɔfoɔ so hene, na woagye wɔn afiri wɔn atamfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia no nsam. Na yei bɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama wo sɛ AWURADE asi wo hene wɔ n’agyapadeɛ so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios