Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




5 Mose 32:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Me nkyerɛkyerɛ nsosɔ sɛ nsuo, na me kasa ngu sɛ obosuo, sɛ wira so mfetema ne nhahan so hasuo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Me nkyerɛkyerɛ nsosɔ sɛ nsuo, na me kasa ngu sɛ obosuo, sɛ wira so mfetema ne nhahan so hasuo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ma me nkyerɛkyerɛ ntɔ sɛ osu; na me nsɛm nsian sɛ obosu, sɛ osu a ɛpete gu sare foforo so, sɛ osu mmoroso wɔ afifide foforo so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Me nkyerɛkyerɛ bɛtɔ agu mo so sɛ nsuo; me kasa bɛgu sɛ obosuo. Me nsɛm bɛtɔ sɛ osuo a ɛgu ɛserɛ foforɔ so, te sɛ nsuo a ɛpete afifideɛ foforɔ so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Me kyerɛ nsosɔ sɛ nsu, na me kasa ngu sɛ obosu, sɛ wura so mfetema ne nhaban so hasu.

Ver Capítulo Copiar




5 Mose 32:2
14 Referencias Cruzadas  

Na ɔbɛyɛ sɛ anɔpa hann, berɛ a owia repue, sɛ anɔpa a mununkum nni hɔ, sɛ owia gyegyeɛ ne osutɔ nti wira fifiri fam.


Woguguu n’akofie so nsuo de honoo emu apɔapɔ, wode osuo yɛɛ no bɛtɛɛ, wohyiraa ne fire so.


Ɔbɛba sɛ osuo a ɛtɔ gu ɛserɛ a wɔahu soɔ so, sɛ osu kɛseɛ a ɛtɔ dwodwo asase mu.


Na adenim pa na mekyerɛ mo, monnnya me mmara.


Mɛdane sɛ bosuo mama Israel, ne nhwiren bɛhane sɛ sukooko, na wagye nhini sɛ Lebanon.


Ɛdeɛn na menyɛ woɔ, Efraim? Ɛdeɛn na menyɛ woɔ, Yuda? Na mo adɔeɛ te sɛ anɔpa mununkum, na ɛte sɛ obosuo a ɛrepɛ ntɛm akorɔ.


Na afei tie AWURADE asɛm: Wo deɛ, woka sɛ: Nhyɛ nkɔm ntia Israel, na nsosɔ ngu Isak fie so.


Na wɔde afena ayɛne Asiria asase ne Nimrod asase n’apono mu. Na sɛ Asiria ba yɛn asase so na ɔtiatia yɛn hyeɛ so a, ɔbɛgye yɛn afiri ne nsam.


Na Yakob nkaeɛ no bɛyɛ aman bebree mu sɛ obosuo a ɛfiri AWURADE nkyɛn, sɛ nhahamma so ahasuo a ɛnhwɛ ɔbarima bi kwan na ɛntwɛn nnipa mma.


Mommisa AWURADE hɔ osuo bereamporɔberɛ mu! AWURADE ma asraman paepae, na ɔbɛma osuo atɔ pii ama wɔn, na wɔn nyinaa anyinya mfuo mu nnuane.


Na asase a ɛnom osuo a ɛtaa tɔ gu soɔ na ɛfifiri aduane a ɛyɛ ma wɔn a wɔn nti wɔdɔ no, nya Nyankopɔn hɔ nhyira no bi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios