Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




5 Mose 30:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 ɛnneɛ AWURADE wo Nyankopɔn bɛdane wo dommum no, na ne yam ahyehye no ama wo, na wasane aboa wo ano afiri aman a AWURADE wo Nyankopɔn apansam wo akɔ hɔ no nyinaa mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 ɛnneɛ AWURADE wo Nyankopɔn bɛdane wo dommum no, na ne yam ahyehye no ama wo, na wasane aboa wo ano afiri aman a AWURADE wo Nyankopɔn apansam wo akɔ hɔ no nyinaa mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 ɛno de, Awurade, mo Nyankopɔn no, de mo siade bɛma mo, na wahu mo mmɔbɔ, na waboaboa mo ano bio afi amanaman a ɔbɔɔ mo hwete kɔɔ so no nyinaa so, asan de mo aba.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 ɛnneɛ, Awurade, mo Onyankopɔn de mo akradeɛ bɛma mo, na wahunu mo mmɔbɔ, na waboaboa mo ano bio afiri amanaman a ɔbɔɔ mo hwete kɔɔ so no nyinaa, asane de mo aba bio.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 ɛnne AWURADE wo Nyankopɔn bɛdan wo dommum no, na ne yam ahyehye no ama wo, na wasan aboa w’ano afi aman a AWURADE wo Nyankopɔn apansam wo akɔ hɔ no nyinaa mu.

Ver Capítulo Copiar




5 Mose 30:3
33 Referencias Cruzadas  

Na hwɛ, mɛdi w’akyi, na mahwɛ wo so baabiara a wobɛkorɔ, na mama woasane aba asase yi so. Na merennya wo de bɛkɔ akɔsi sɛ mɛma deɛ maka makyerɛ woɔ yi aba mu.


Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Hwɛ, merewu, na Onyankopɔn bɛdi mo akyi, na ɔde mo asane akɔ mo nananom asase so.


Na monka sɛ: Gye yɛn nkwa, yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn, na boaboa yɛn ano, na yi yɛn firi amanaman mu, na yɛnna wo din kronkron no ase, na yɛmfa w’ayeyie nhyehyɛ yɛn ho.


Na sɛ mosane ba me nkyɛn, na mohwɛ me mmara nsɛm di so a, ɛnneɛ sɛ wɔpamo mo kɔ ɔsoro ano nohoa a, ɛhɔ ara na mɛfiri maboaboa mo ano mede mo aba faako a mayi sɛ mɛma me din atena hɔ no.


Na Hiob bɔɔ ne nnamfo no tiri so mpaeɛ no, AWURADE danee ne duamda no na AWURADE de adeɛ a Hiob nyaeɛ no nyinaa mmɔho mmienu maa no.


na waboaboa wɔn ano afiri nsase soɔ, afiri apueeɛ ne atɔeɛ, afiri atifi fam ne anafoɔ fam.


AWURADE na ɔkyekyere Yerusalem, ɔpɔn Israelfoɔ a wɔapete wɔn.


Ɛda no ɛbɛba sɛ AWURADE bɛpore n’aba afiri Asuo Eufrate no hweamo ano akɔsi Misraim subɔn no ano, na wɔatase mo, Israel mma, mmaako mmaako.


Nsuro, na me na me ne wo wɔ hɔ. Mede w’asefoɔ bɛfiri apueeɛ aba, na mafiri atɔeɛ maboa wo ano;


Megyaa wo ɛberɛ tiawa bi, nanso ayamhyehyeɛ kɛseɛ na mede bɛboa w’ano.


AWURADE Nyankopɔn a ɔboa Israel adamfikyi ano no asɛm nie: Mɛkɔ so maboa nnipa ano mapae wɔn a wɔaboa wɔn ano no so.


Sei na AWURADE ka no wɔn a wɔtete me ho no nyinaa ho: Nnipa bɔne a wɔde wɔn nsa aka agyapadeɛ a mede memaa me man Israel sɛ wɔnnie no, hwɛ, meretutu wɔn afiri wɔn asase so, na mɛtu Yuda fie afiri wɔn mu.


Na me ara mɛboa me nnwan nkaeɛ ano afiri nsase a mapam wɔn akɔ soɔ no nyinaa so, na mede wɔn bɛsane aba wɔn adidibea bio, na wɔbɛwowo na wɔadɔ.


Na mɛma moahu me, AWURADE asɛm nie. Na mede mo nnommum bɛsane aba, na maboa mo ano afiri amanaman a mapam mo akɔ hɔ no nyinaa mu, AWURADE asɛm nie, na mede mo bɛsane aba deɛ memaa wɔtuu mo firi hɔ kɔeɛ no.


Montie AWURADE asɛm, O amanaman, na monka no akyirikyiri nsuano aman so sɛ: Deɛ ɔbɔɔ Israel peteeɛ no reboa wɔn ano, na wahwɛ wɔn sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ hwɛ ne nnwan.


Ɛyɛ AWURADE adɔeɛyɛ nti na yɛnwiee sa, na ne mmɔborɔhunu to ntwae.


na sɛ ɔhyɛ wo awerɛhoɔ mpo a, ne yam hyehye no, sɛdeɛ n’adɔeɛyɛ dodoɔ no teɛ;


Ɛno nti ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mɛboa mo ano afiri aman mu, na matase mo afiri nsase a wɔabɔ mo apete soɔ no so, na mede Israel asase no mama mo,


Na mɛfa mo afiri amanaman no mu, na maboaboa mo ano afiri nsase no nyinaa so, na mede mo asane aba mo asase so.


Na wɔbɛhunu sɛ mene AWURADE wɔn Nyankopɔn, sɛ memaa wɔtuu wɔn kɔɔ amanaman mu, na mekɔtasee wɔn baa wɔn asase so bio, na mannya wɔn mu biara wɔ hɔ bio.


yɛn ho na wobɛsane ama ne yam ahyehye wo, wobɛpepa yɛn amumuyɛ. Na wobɛto wɔn bɔne nyinaa agu ɛpo bunu mu.


Na mɛdua wɔn aman no mu, na wɔbɛkae me akyirikyiri nsase so, na wɔne wɔn mma bɛnya nkwa na wɔasane aba.


Na wɔn nso, sɛ wɔantena ɔgyeɛ a wɔnnye nnie no mu a, wɔde wɔn bɛhyɛ mu, ɛfiri sɛ Onyankopɔn bɛtumi de wɔn ahyɛ mu bio.


na ɛno ansa na Israel nyinaa bɛnya nkwa, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Ɔgyefoɔ no bɛfiri Sion aba abɛtu amumuyɛsɛm ase afiri Yakob.


saa ara nso na seesei yeinom ayɛ asoɔden, na ɛnam ahummɔborɔ a wɔde ahu mo no so, wɔn nso anya ahummɔborɔ.


Na mma abusudeɛ no bi nnka wo nsam; na AWURADE nnane mfiri n’abufuhyeɛ no ho, na ɔnhu wo mmɔbɔ, na ne yam nhyehye no mma wo, na ɔmma wonnɔɔso sɛdeɛ ɔkaa wo nananom ntam no.


Na AWURADE bɛpansam mo agu amanaman mu, na ɛbɛka mo mu kakraa bi wɔ wiase aman a AWURADE de mo bɛkɔ hɔ no mu;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios