Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




5 Mose 26:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Ɛnnɛ da yi AWURADE wo Nyankopɔn rehyɛ wo sɛ: Yɛ ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ yi, na fa w’akoma ne wo kra nyinaa di so na yɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Ɛnnɛ da yi AWURADE wo Nyankopɔn rehyɛ wo sɛ: Yɛ ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ yi, na fa w’akoma ne wo kra nyinaa di so na yɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Awurade, mo Nyankopɔn no, hyɛ mo nnɛ sɛ, munni saa ahyɛde ne mmara yi nyinaa so; momfa mo koma ne mo kra nyinaa nni so pɛpɛɛpɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Awurade, mo Onyankopɔn, hyɛ mo ɛnnɛ sɛ, monni saa mmara yi nyinaa so; momfa mo akoma ne mo kra nyinaa nni so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Ɛnnɛ da yi AWURADE wo Nyankopɔn rehyɛ wo sɛ: Yɛ ahyɛde ne atemmude yi, na fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa di so na yɛ.

Ver Capítulo Copiar




5 Mose 26:16
17 Referencias Cruzadas  

na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnni deɛ mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kɔsi wiase awieeɛ.


Sɛ modɔ me a, monni m’ahyɛdeɛ so!


Na afei, Israel, ɛdeɛn na AWURADE wo Nyankopɔn repɛ no wo nkyɛn? Ɛne sɛ wobɛsuro AWURADE wo Nyankopɔn, na wonante n’akwan nyinaa soɔ, na woadɔ no, na wode w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa asom AWURADE wo Nyankopɔn,


Enti dɔ AWURADE wo Nyankopɔn, na hwɛ n’ahwɛdeɛ, n’ahyɛdeɛ ne n’atemmudeɛ ne ne mmara nsɛm nna nyinaa.


Enti monni mmara nsɛm a merehyɛ mo nnɛ yi nyinaa so, na mo ho ayɛ den, na moakɔ akɔfa asase a moretwam akɔ so akɔfa no,


Yeinom ne ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a monhwɛ nyɛ no asase a AWURADE wo nananom Nyankopɔn de rema wo sɛ fa no soɔ, nna a mode te asase soɔ nyinaa.


Asɛm a merehyɛ mo nyinaa, monhwɛ nni so; mfa bi nka ho na nyi bi nso mfiri mu.


Ɛnnɛ woaka no AWURADE ho sɛ ɔbɛyɛ wo Nyankopɔn, na woanante n’akwan so, na woadi n’ahyɛdeɛ ne ne mmara nsɛm ne n’atemmudeɛ so, na woatie ne nne.


Na ɛhɔ nso mobɛhwehwɛ AWURADE mo Nyankopɔn, na sɛ mode mo akoma nyinaa ne mo kra nyinaa hwehwɛ n’akyiri kwan a, mobɛhu no.


Na yei ne mmara nsɛm, ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a AWURADE mo Nyankopɔn ahyɛ sɛ wɔnkyerɛkyerɛ mo na monyɛ asase a moretwam akɔfa no soɔ,


monni AWURADE mo Nyankopɔn mmara nsɛm ne n’adansesɛm ne n’ahyɛdeɛ a wahyɛ mo no so pɛpɛɛpɛ;


Na fa w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ AWURADE wo Nyankopɔn.


Na kae kwan a AWURADE wo Nyankopɔn maa wonantee so mfirinhyia aduanan yi ɛserɛ soɔ no nyinaa, sɛ ɔrebrɛ wo ase asɔ wo ahwɛ, na wahunu deɛ ɛwɔ w’akoma mu, sɛ wobɛdi ne mmara nsɛm so anaasɛ worenni so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios