Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




5 Mose 26:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Sɛ wowie wo nnɔbaeɛ mu ntotosoɔ du du nyinaa yiyi, afe a ɛtɔ so mmiɛnsa a ɛne ntotosoɔ du du ma afe no mu, na wode ama Lewini ne ɔhɔhoɔ ne awisiaa ne okunafoɔ ama wɔadi no wo kuro apono mu amee a,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Sɛ wowie wo nnɔbaeɛ mu ntotosoɔ du du nyinaa yiyi, afe a ɛtɔ so mmiɛnsa a ɛne ntotosoɔ du du ma afe no mu, na wode ama Lewini ne ɔhɔhoɔ ne awisiaa ne okunafoɔ ama wɔadi no wo kuro apono mu amee a,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Afe a ɛto so abiɛsa a ɛyɛ ntotoso du du afe a woayi wo nnɔbae so ntotoso du du awie no ɛsɛ sɛ mode ma Lewifo, ahɔho, nyisaa ne akunafo sɛnea ɛbɛyɛ a wobedidi amee wɔ mo nkurow so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Mfeɛ mmiɛnsa biara, ɛsɛ sɛ moma mo mfudeɛ ho ntotosoɔ dudu sononko. Ɛsɛ sɛ mode saa ntotosoɔ dudu sononko no ma Lewifoɔ, ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛnya bi adi amee wɔ mo nkuro so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Sɛ wuwie wo nnɔbae mu ntotoso du du nyinaa yiyi, afe a ɛto so abiɛsa a ɛne ntotoso du du ma afe no mu, na wode ama Lewini ne ɔhɔho ne ayisaa ne okunafo ama wɔadi wo nkurow mu amee a,

Ver Capítulo Copiar




5 Mose 26:12
11 Referencias Cruzadas  

Na deɛ ɛbɛsoɔ no, momfa nkyekyɛmu nnum mu baako mma Farao, na emu abupɛn nnan no nyɛ mo dea, na mode bi adua mfuo mu, na mode bi ayɛ mo ne mo fiefoɔ ne mo mma aduane.


Na Yosef hyɛɛ yei ho mmara wɔ Misraim a ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ, sɛ wɔmfa Misraim asase so adeɛ biara nkyekyɛmu nnum mu baako mma Farao, gye asɔfoɔ asase nko na anyɛ Farao dea.


Deɛ ɔbu ne yɔnko animtia yɛ bɔne, na nhyira ne deɛ ɔhunu amanehunufoɔ mmɔbɔ.


Na asase no so aduane ntotosoɔ du du a ɛfiri asase so aduadeɛ ne nnua so aba mu no nyinaa yɛ AWURADE dea; ɛyɛ kronkron ma AWURADE.


Na Israelfoɔ ntotosoɔ du du a wɔmema so yɛ mmasoɔ adeɛ ma AWURADE no, mede mama Lewifoɔ no sɛ agyapadeɛ, ɛno nti na maka no wɔn ho sɛ: Wɔrennya agyapadeɛ biara Israelfoɔ mu no.


na ma w’ani nnye wo nnapɔnna no mu, wo ne wo babarima, wo babaa, w’akoa, w’afenaa, Lewini, ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ a wɔwɔ wo kuro apono mu.


Na wɔn a wɔfiri Lewi mma mu nya asɔfodwuma no nso wɔ ahyɛdeɛ bi sɛ wɔnnye ntotosoɔ du du, sɛdeɛ mmara no teɛ, wɔ ɔman no mu, ɛne sɛ, wɔn nuanom a wɔn nso wɔfiri Abraham asene mu no, nkyɛn,


Na yɛbɛtumi aka sɛ, Lewi nso a ɔgye ntotosoɔ du du no nam Abraham so maa ntotosoɔ du du no bi,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios