Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




5 Mose 26:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 na gye w’ani adepa a AWURADE wo Nyankopɔn de ama wo ne wo fie no nyinaa ho, wo ne Lewini ne ɔhɔhoɔ a ɔwɔ wo mu no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 na gye w’ani adepa a AWURADE wo Nyankopɔn de ama wo ne wo fie no nyinaa ho, wo ne Lewini ne ɔhɔhoɔ a ɔwɔ wo mu no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Afei, kɔ na wo ne Lewifo ne ahɔho a wɔte mo mu no nkogye mo ani wɔ nneɛma pa a Awurade, mo Nyankopɔn no, de ama wo ne wo fifo no ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Afei, kɔ na kɔgye wʼani wɔ nneɛma pa a Awurade, mo Onyankopɔn, de ama wo ne wo fiefoɔ no ho. Wʼanigyeɛ no mu, kae Lewifoɔ ne ahɔhoɔ a wɔte mo mu no nso.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 na gye w’ani adepa a AWURADE wo Nyankopɔn de ama wo ne wo fi no nyinaa ho, wo ne Lewini ne ɔhɔho a ɔwɔ wo mu no.

Ver Capítulo Copiar




5 Mose 26:11
19 Referencias Cruzadas  

Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔdi sradenam na monnom nnɔkɔnnɔkɔwadeɛ, na momfa ebi nkɔma wɔn a wɔnsiesiee ebi mmaa wɔn no, na ɛnnɛ da yi yɛ kronkron ma yɛn AWURADE. Na mommma mo werɛ nnho mo ho, na AWURADE anigyeɛ ne mo ahoɔden.


Menim sɛ biribiara nni hɔ a ɛyɛ ma wɔn kyɛn sɛ wɔbɛgye wɔn ani, asɛpɛ wɔn ho wɔ wɔn nkwa nna mu;


nanso sɛ onipa biara didi nom hunu adepa ne brɛ nyinaa mu a, Nyankopɔn akyɛdeɛ ne no.


Hwɛ, deɛ mahunu sɛ ɛyɛ ne sɛ ɛyɛ fɛ sɛ obi didie na ɔnom na ɔhunu papa wɔ ne brɛ a ɔbrɛ owia yi aseɛ no mu nyinaa, ne nkwa nna dodoɔ a Onyankopɔn de ma no; na ɛne ne kyɛfa.


Da pa mu, ma w’ani nnye, na da bɔne mu, dwene ho; Onyankopɔn ayɛ yei nso aka ɛno ho, deɛ ɛbɛyɛ na onipa anhunu n’akyiri biribiara.


hwɛ, me nkoa de akoma pa bɛto ahurisie dwom, na mo deɛ, mode akoma mu yea bɛteam, na mode honhom a abubuo asu yɔɔ.


Na ne yie ne sɛn, na n’ahoɔfɛ ne sɛn? Aduane bɛma mmeranteɛ ayɛ tokotokoo na nsamono nso ama mmabaa ayɛ saa ara.


Sɛ yɛduaa honhom fam nnoɔma maa mo a, ɛyɛ adeɛ a ɛso, sɛ yɛbɛbu honam fam nnoɔma afiri mo hɔ?


Na momma mo ani nnye AWURADE mo Nyankopɔn anim, mo ne mo mmammarima ne mo mmammaa ne mo nkoa ne mo mfenaa ne Lewini a ɔwɔ mo kuro apono mu, ɛfiri sɛ ɔno deɛ, ɔnni mo mu kyɛfa anaa agyapadeɛ.


gye sɛ AWURADE wo Nyankopɔn anim, faako a ɔbɛyie no na die, wo ne wo babarima ne wo babaa ne w’akoa ne w’afenaa ne Lewini a ɔwɔ wo kuro apono mu, na ma w’ani nnye AWURADE wo Nyankopɔn anim, deɛ wode wo nsa ka nyinaa ho.


na ɛhɔ na monnidi AWURADE mo Nyankopɔn anim, na mo ne mo afie ani nnye ade a mode mo nsa ka a AWURADE wo Nyankopɔn de ahyira woɔ no mu nyinaa.


Na ma w’ani nnye AWURADE wo Nyankopɔn anim, wo ne wo babarima ne wo babaa ne w’akoa ne w’afenaa ne Lewini a ɔwɔ wo kuro apono mu ne ɔhɔhoɔ ne awisiaa ne okunafoɔ a wɔwɔ mo mu, faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛyi sɛ ne din ntena no;


na bɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ di no hɔ, na gye w’ani AWURADE wo Nyankopɔn anim.


Ɛsiane sɛ woamfa anigyeɛ ne akoma pa ansom AWURADE wo Nyankopɔn w’ahonya mu nti,


Momma mo ani nnye Awurade mu daa! Meka no bio sɛ: Momma mo ani nnye!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios