5 Mose 24:4 - New Revised Asante Twi Bible4 ɛnneɛ ne kane kunu a ɔgyaa no kwan no nnsane mmmɛware no bio, ne ho figuo no akyi, ɛfiri sɛ ɛno yɛ AWURADE anim akyiwadeɛ, na mfa bɔne ngu asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di soɔ no so. Ver CapítuloTwerɛ Kronkron4 ɛnneɛ ne kane kunu a ɔgyaa no kwan no nnsane mmmɛware no bio, ne ho figuo no akyi, ɛfiri sɛ ɛno yɛ AWURADE anim akyiwadeɛ, na mfa bɔne ngu asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di soɔ no so. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm4 ne kunu a odi kan a ogyaa no no nni ho kwan sɛ ɔware no bio, bere a ne ho agu fi akyi no. Ɛyɛ akyiwade wɔ Awurade ani so. Mommfa afɔbu mma asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo sɛ agyapade no so. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm4 ne kunu a ɔdi ɛkan a ɔgyaa no no nni ho ɛkwan sɛ ɔware no bio, ɛfiri sɛ, wagu ne ho fi. Ɛyɛ akyiwadeɛ wɔ Awurade ani so. Mommfa afɔbuo mma asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo sɛ agyapadeɛ no so. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON4 ɛnne ne kan kunu a ogyaa no kwan no nnsan mmmɛware no bio, ne ho fi gu no akyi, efisɛ ɛno yɛ AWURADE anim akyide, na mfa bɔne ngu asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di so no so. Ver Capítulo |