Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




5 Mose 23:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 ɛfiri sɛ wɔamfa aduane ne nsuo ammɛhyia mo kwan mu, berɛ a mofiri Misraim reba no, ne sɛ wɔkɔbɔɔ Beor ba Bileam a ɔfiri Petor wɔ Mesopotamia paa sɛ ɔmmɛdome woɔ nti.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 ɛfiri sɛ wɔamfa aduane ne nsuo ammɛhyia mo kwan mu, berɛ a mofiri Misraim reba no, ne sɛ wɔkɔbɔɔ Beor ba Bileam a ɔfiri Petor wɔ Mesopotamia paa sɛ ɔmmɛdome woɔ nti.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Saa aman yi annye mo, amma mo aduan anaasɛ nsu, bere a mufi Misraim reba no. Mmom, wɔkɔbɔɔ Beor babarima Balaam a ofi Petor a ɛwɔ Mesopotamia paa sɛ ɔmmɛdome mo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Saa aman yi annye mo, amma mo aduane anaa sɛ nsuo ɛberɛ a mofiri Misraim reba no. Mmom, wɔkɔbɔɔ Beor babarima Balaam a ɔfiri Petor a ɛwɔ Mesopotamia paa sɛ ɔmmɛdome mo.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 efisɛ wɔamfa aduan ne nsu ammehyia mo ɔkwan mu, bere a mufi Misraim reba no, ne sɛ wɔkɔbɔɔ Beor ba Bileam a ofi Petor wɔ Mesopotamia paa sɛ ɔmmɛdome wo nti.

Ver Capítulo Copiar




5 Mose 23:4
19 Referencias Cruzadas  

Na ɛbaa sɛ Isebel retwitwa AWURADE adiyifoɔ aguo no, Obadia faa AWURADE adiyifoɔ ɔha, na ɔde wɔn aduonum aduonum kɔsiesiee ɔbodan mu, na ɔde aduane ne nsuo hwɛɛ wɔn.)


Na wɔwiee yeinom no, mmapɔmma no baa me nkyɛn sɛ: Israel man ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ no ntee wɔn ho mfirii nsase so aman sɛ: Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Yebusifoɔ, Amonfoɔ, Moabfoɔ, Misraimfoɔ ne Amorifoɔ akyiwadeɛ ho,


ɛfiri sɛ wɔamfa aduane ne nsuo ammɛhyia Israelfoɔ, na mmom wɔkɔbɔɔ Bileam paa tiaa wɔn sɛ ɔmmɛdome wɔn; nanso yɛn Nyankopɔn danee nnome no nhyira.


Wɔn ahohia nyinaa mu no, ne ho hiahiaa no, na n’anim bɔfoɔ no gyee wɔn; ne dɔ ne ne mmɔborɔhunu mu na ɔgyee wɔn, na ɔmemaa wɔn so, na ɔsoaa wɔn tete nna no nyinaa.


Amon mma deɛ nie: Sɛ AWURADE seɛ nie: Israel nni mmabanin, anaasɛ ɔnni ɔdedini? Ɛnam deɛn so na Malkam di adeɛ Gad, na ne manfoɔ tete ne nkuro mu?


Ɔhohiahiafoɔ no atene ne nsa n’afɛfɛdeɛ nyinaa so, aane wahunu amanaman, sɛ wɔrehyɛne ne kronkronbea hɔ, nnipa a wohyɛɛ sɛ wɔnnhyɛne w’asafo mu no.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɔnanani biara a ɔyɛ akoma mu momonotoni ne honam mu momonotoni nnhyɛne me kronkronbea, ananafoɔ a ɛwɔ Israelfoɔ mu nyinaa mu,


Na sɛ asafo AWURADE seɛ nie: N’animuonyam nti na wasoma me amanaman a wɔfom mo no nkyɛn; na deɛ ɔka mo no, waka AWURADE ani kosua.


na mɛhyɛ wo animuonyam pii, na biribiara a wobɛka akyerɛ me no, mɛyɛ: Enti bra ara na bɛdome ɔman yi ma me.


Na ɔkasaa sɛ: Aram na Balak kɔfaa me firiiɛ, Moabhene no faa me firii apueeɛ mmepɔ mu sɛ: Bra bɛdome Yakob ma me, na bɛbɔ Israel dua.


Na ɔhene bɛbua ase wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, sɛ moyɛ maa me nuanom nketewa yi mu baako yi, moyɛ maa me.


Na ɔhwee fam, na ɔtee nne bi a ɛka kyerɛɛ no sɛ: Saulo, Saulo, adɛn na wotaa me?


Ɛnna Moabhene Sipor ba Balak sɔre bɛnee Israel koeɛ, na ɔsoma maa wɔkɔhyiaa Beor ba Bileam sɛ ɔmmɛdome mo;


wɔagya ɔkwan tenenee no akɔfom kwan, wɔakɔfa Beor ba Bileam kwan no so, ɔno na na ɔpɛ deɛ ɛntene akatua,


Wɔnnue, ɛfiri sɛ wɔafa Kain kwan so, na mfasoɔ nti, wɔde wɔn ho akɔhyɛ Bileam nnaadaasɛm mu, na wɔayera sɛ Kora wɔ atuateɛ mu.


Na memfa m’aduane ne me nsuo ne me nam a makum de rema me nnwan ho twitwafoɔ no memma nnipa a mennim deɛ wɔfire anaa?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios