Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




5 Mose 22:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Nhwɛ wo nua afunumu anaa ne nantwie sɛ wɔahwe ase kwan mu, na ntwe wo ho mfiri wɔn ho; boa no ma no mma wɔn so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Nhwɛ wo nua afunumu anaa ne nantwie sɛ wɔahwe ase kwan mu, na ntwe wo ho mfiri wɔn ho; boa no ma no mma wɔn so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Sɛ wuhu sɛ wo yɔnko Israelni bi afurum anaa ne nantwi bi atew ahwe wɔ ɔkwan mu a, mmu wʼani ngu so. Kɔboa ne wura no na ɔmma aboa no so nnyina hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Sɛ wohunu sɛ wo nua bi afunumu anaa ne nantwie da ɛkwan mu a, nhwɛ nkyɛn. Kɔboa wo yɔnko no na ɔmma aboa no nsɔre.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Nhwɛ wo nua afurum anaa ne nantwi sɛ wɔahwe ase ɔkwan mu, na ntwe wo ho mfi wɔn ho; boa no ma ɔmma wɔn so.

Ver Capítulo Copiar




5 Mose 22:4
10 Referencias Cruzadas  

Na me deɛ, mese mo sɛ monnɔ mo atamfoɔ, na mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔtaa mo no;


Na yɛn a yɛyɛ den no, ɛsɛ sɛ yɛsoa wɔn a wɔnyɛ den no mmerɛyɛ na yɛansɔ yɛn ara ani.


Na me deɛ, mede anigyeɛ bɛhwere m’adeɛ, na mama wɔahwere me ama mo kra. Na sɛ medɔ mo ma no boro so saa a, ɛdeɛn nti na ɛsɛ sɛ mo dɔ sua sene me deɛ?


Na saa nso na yɛ n’afunumu, ne ntoma, ne wo nua adeɛ biara a ayera a wobɛhunu no; ntwe wo ho mfiri ho.


Ɔbaa nnhyɛ ɔbarima adeɛ, na ɔbarima nso mmfira ɔbaa ntoma, ɛfiri sɛ wɔn a wɔyɛ yei nyinaa yɛ AWURADE wo Nyankopɔn akyiwadeɛ.


Afei yɛtu mo fo, anuanom, sɛ monkasa nkyerɛ wɔn a wɔnam basabasa, monkyekyere wɔn a wɔn akoma atuo werɛ, monsɔ wɔn a wɔyɛ mmerɛ mu, montɔ mo bo ase mma nnipa nyinaa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios