Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




5 Mose 21:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na Lewifoɔ mma asɔfoɔ no mmra ho, ɛfiri sɛ wɔn na AWURADE wo Nyankopɔn ayi wɔn sɛ wɔnsom na wɔnhyira AWURADE din mu, na wɔn anomu asɛm so na wɔmfa nni akasakasa ne ɔborɔ ho asɛm biara;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na Lewifoɔ mma asɔfoɔ no mmra ho, ɛfiri sɛ wɔn na AWURADE wo Nyankopɔn ayi wɔn sɛ wɔnsom na wɔnhyira AWURADE din mu, na wɔn anomu asɛm so na wɔmfa nni akasakasa ne ɔborɔ ho asɛm biara;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Lewifo asɔfo bɛba hɔ, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, paw wɔn sɛ wɔnka asɛm na wonhyira wɔ Awurade din mu. Na wɔn na wosi ntawntaw ne dɛmdi asenni ne asotwe so dua.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Lewifoɔ asɔfoɔ bɛba hɔ, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, ayi wɔn sɛ wɔnka asɛm na wɔnhyira wɔ Awurade din mu. Na wɔn na wɔsi asɛnnie ne asotwe so dua.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na Lewi mma asɔfo no ntwiw mmra, efisɛ wɔn na AWURADE wo Nyankopɔn ayi wɔn sɛ wɔnsom na wonhyira, AWURADE din mu, na wɔn anom asɛm so na wɔmfa nni akasakasa ne ɔboro ho asɛm biara;

Ver Capítulo Copiar




5 Mose 21:5
12 Referencias Cruzadas  

Amram mma ne: Aaron ne Mose. Na wɔyii Aaron sɛ ɔmmɛyɛ ade kronkronkron no ho adeɛ, ɔno ne ne mma nkɔsi daa; sɛ wɔnhye aduhwam AWURADE anim, na wɔnsom, na wɔmfa ne din nhyira nkɔsi daa.


Asɛm biara a ɛba mo anim a ɛfiri mo nuanom a wɔtete wɔn nkuro mu, na ɛyɛ mogya ne mogya ntam asɛm, anaa mmara ne ɛmom, ahyɛdeɛ ne atemmuo ntam asɛm no, monkyerɛkyerɛ wɔn mu, na wɔanni fɔ wɔ AWURADE anim, na abufuo amma mo ne mo nuanom so; monyɛ saa, na morenni fɔ.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Atifi fam adammoa ne anafoɔ fam adammoa a ɛsisi adihɔ no anim no ne adammoa kronkron a asɔfoɔ a wɔbɛn AWURADE no bɛdi akronkronneɛ mu akronkronneɛ no; ɛhɔ na wɔmfa akronkronneɛ mu akronkronneɛ nguguo, aduane afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ ne asodie ho afɔdeɛ no, na ɛhɔ yɛ kronkron.


Na akameakamesɛm nso, wɔn ara na wɔnnyina hɔ mmu ho atɛn, m’atemmudeɛ so na wɔmmu atɛn, na wɔnhwɛ me mmara ahodoɔ ne m’ahyɛdeɛ, m’afahyɛ nyinaa mu, na wɔnyɛ me home nna kronkron.


Ɛnna Aaron maa ne nsa so kyerɛɛ ɔman no, na ɔhyiraa wɔn. Na ɔbɔɔ bɔne ho afɔdeɛ, ne ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ wieeɛ no, ɔsianee.


Na ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ ano kora nimdeɛ, na wɔnyɛ nhwɛsoɔ mma afoforɔ, mmara no so die mu, ɛfiri sɛ asafo AWURADE bɔfoɔ ne no.


Saa berɛ no na AWURADE yii Lewifoɔ abusuakuo sɛ wɔnsoa AWURADE apam adaka no, na wɔnnyina n’anim nsom no, na wɔmfa ne din nhyira, a wɔayɛ de abɛduru nnɛ da yi.


ɛfiri sɛ ɔno na AWURADE wo Nyankopɔn ayi no afiri wo mmusuakuo nyinaa mu, sɛ ɔnnyina nsom AWURADE din mu, ɔno ne ne mma, nna nyinaa.


ɛnneɛ nnipa baanu a ɛham da wɔn ntam no mmɛgyina AWURADE anim, asɔfoɔ ne atemmufoɔ a wɔwɔ hɔ nna no mu anim.


nsiane nkɔ subonhwa a nsuo sene wɔ mu a wɔnnɔeɛ na wɔnnuaa mu adeɛ da mu, na wɔmmu nantwiburuwa no kɔn mu wɔ subonhwa no mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios