Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




5 Mose 20:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ne mo na ɛnam ne mo atamfoɔ rekɔko ama mo na wagye mo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ne mo na ɛnam ne mo atamfoɔ rekɔko ama mo na wagye mo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Na Awurade, mo Nyankopɔn no, na ɔne mo rekɔ. Ɔbɛko atia mo atamfo no ama moadi nkonim.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Na Awurade, mo Onyankopɔn, na ɔne mo rekɔ. Ɔbɛko atia mo atamfoɔ no ama mo, na moadi nkonim.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 efisɛ AWURADE mo Nyankopɔn ne mo na ɛnam ne mo atamfo rekɔko ama mo na wagye mo.

Ver Capítulo Copiar




5 Mose 20:4
15 Referencias Cruzadas  

Na sɛ wote nanteɛ nka baka nnua no atifi a, ɛnneɛ firi kɔko, na Onyankopɔn afiri redi w’anim akɔkum Filistifoɔ dɔm no.


Na hwɛ, Onyankopɔn ka yɛn ho, di kan, ne n’asɔfoɔ a wɔhyɛne osebɔ ntotorobɛnto, sɛ wɔde bɛfrɛ ɔko atia mo. Israel mma, mo ne AWURADE mo agyanom Nyankopɔn no nnko, na ɛrensi mo yie.


AWURADE bɛko ama mo, na mo deɛ, monyɛ komm!


Nanso yeinom nyinaa mu na yɛnam deɛ ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim boro soɔ.


AWURADE mo Nyankopɔn a ɔdi mo anim no, ɔno na ɔbɛko ama mo, sɛdeɛ ɔyɛ maa mo Misraim wɔ mo anim no ara,


Obiara rentumi nnyina mo anim; AWURADE mo Nyankopɔn de mo ho hu ne mo ho suro bɛgu asase a mobɛfa soɔ nyinaa so, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ mo no.


monnsuro wɔn, ɛfiri sɛ AWURADE mo Nyankopɔn na ɔbɛko ama mo.


Monyɛ den na monyɛ nnam, monnsuro na mommma wɔn ho nnyɛ mo hu, ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn no, ɔno na ɔne wo nam; ɔrempa wo na ɔrennya wo.


Sɛ ɛnyɛ wɔn botan na watɔn wɔn na AWURADE ayi wɔn ama a, anka ɛbɛyɛ dɛn na ɔbaakofoɔ bɛtaa apem, na baanu ama mpemdu adwane?


Na wɔredwane afiri Israel anim na wɔkɔduruu Bet-horon asianee mu no, AWURADE totoo aboɔ akɛseɛ firi soro guguu wɔn so de kɔduruu Aseka maa wɔwuwui, wɔn a asukɔtweaa no kunkumm wɔn no dɔɔso sene wɔn a Israelfoɔ no kunkumm wɔn nkrantɛ ano no.


Na ahemfo yi nyinaa ne wɔn asase no Yosua faa no prɛko, ɛfiri sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn ko maa Israel.


Mo mu baako bɛpamo nnipa apem, na AWURADE mo Nyankopɔn no, ɔno na ɔko ma mo, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ mo no.


Ɛno nti AWURADE gyee Israel da no; na wɔkoeɛ ara kɔtwaa mu Bet-awen.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios