Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




5 Mose 20:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 na ɔnka nkyerɛ wɔn sɛ: Israel, tie, morebɛn dɔm nnɛ ne mo atamfoɔ akɔko, mommma mo akoma nntu, monnsuro na mo ho mmpopo, na mommma wɔn ho nnyɛ mo hu,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 na ɔnka nkyerɛ wɔn sɛ: Israel, tie, morebɛn dɔm nnɛ ne mo atamfoɔ akɔko, mommma mo akoma nntu, monnsuro na mo ho mmpopo, na mommma wɔn ho nnyɛ mo hu,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔbɛka se, “Muntie me, mo Israel mmarima! Nnɛ, morekɔ ɔsa atia mo atamfo. Mommma mo koma ntutu! Mommma mo aba mu mmu na momma mo ho mpopo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔbɛka sɛ, “Montie me, mo Israel mmarima! Ɛnnɛ, morekɔ ɔsa yi, mommma mo akoma ntu! Mommma mo abasa mu mmu, na momma mo ho mpopo.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 na ɔnka nkyerɛ wɔn sɛ: Israel, tie, morebɛn dɔm nnɛ ne mo atamfo akɔko, mommma mo koma nntutu, munnsuro na mo ho mmpopo, na mommma wɔn ho nnyɛ mo hu,

Ver Capítulo Copiar




5 Mose 20:3
31 Referencias Cruzadas  

Ɔno deɛ, honam nsa na ɛne no wɔ hɔ, na yɛn deɛ, AWURADE yɛn Nyankopɔn na ɔne yɛn wɔ hɔ, sɛ ɔbɛboa yɛn na wako yɛn ko ama yɛn. Ɛnna ɔman no de wɔn ho too Yudahene Hesekia nsɛm no soɔ.


Na Onyankopɔn ama m’akoma abubu, na Otumfoɔ ayi me hu,


Mensuro nkurɔfoɔ mpempem a wɔabɔ me ho nsraban ahyia yi.


Na Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monnsuro, monnyina pintinn, na monhwɛ AWURADE nkwagyeɛ a ɔde rebɛkyerɛ mo nnɛ, na Misraimfoɔ a mohu wɔn nnɛ yi, morenhu wɔn da biara da bio.


Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede ɔboɔ bi retim Sion, ɔboɔ a wɔasɔ no ahwɛ, tweaso tiboɔ a ne boɔ yɛ den a ɛtim hɔ timpa, deɛ ɔgye die no rennwane.


na ka kyerɛ no sɛ: Hwɛ yie na yɛ komm, nsuro, na mma w’akoma nntu, nnyentia mmienu a ɛfiri wisie yi nti, Resin ne Siria ne Remalia ba no abufuhyeɛ no nti.


AWURADE ani so atua ara nko na monnteɛ, na monnsuro asase no sofoɔ no, na wɔyɛ yɛn aduane; wɔn kataman afiri wɔn so, na yɛn deɛ, AWURADE di yɛn akyi, monnsuro wɔn.


Hwɛ, meresoma mo sɛ nnwan akɔ mpataku mfimfini; enti monyɛ aniteɛ sɛ awɔ, na monyɛ bɔkɔɔ sɛ mmuruburo.


Na monnsuro wɔn a wɔkum honam na wɔntumi nkum ɔkra, na mmom monsuro deɛ ɔbɛtumi asɛe ɔkra ne honam amanehunu kuro mu.


Enti monnsuro! Mosene mpatuprɛ bebree.


Na ɔsee wɔn sɛ: Mo a mo gyidie sua, adɛn na ehu aka mo sɛɛ? Ɛnna ɔsɔre teateaa mframa ne ɛpo no, na ɛtaa dinn.


wɔbɛma awɔ so, na sɛ wɔnom adubɔne biara a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde nsa bɛgu ayarefoɔ so ama wɔn ho ayɛ wɔn den.


Na ɔsee wɔn sɛ: Mommmɔ binim; mohwehwɛ Yesu Nasareni a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no. Wanyane, ɔnni ha. Hwɛ faako a wɔde no toeɛ!


kaa sɛ: Paulo, nsuro! Ɛtwa sɛ wokɔgyina Kaesare anim; na hwɛ, Onyankopɔn de wɔn a wɔne wo nam no nyinaa akyɛ wo.


Hwɛ, AWURADE wo Nyankopɔn de asase no ato w’anim. Foro kɔfa, sɛdeɛ AWURADE wo nananom Nyankopɔn ka kyerɛɛ woɔ no; nsuro, na mma w’akoma nntu.


Sɛ woretu sa ne w’atamfo akɔko na wohunu apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne ɔman a wɔdɔɔso sene woɔ a, nsuro wɔn, ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn a ɔde wo firi Misraim asase so baeɛ no ka wo ho.


Na sɛ mobɛn dɔm no a, ɔsɔfoɔ no mpinkyɛ mmɛkasa nkyerɛ ɔman no,


Monhwɛ na obi amfa bɔne antua obi bɔne ka, na mmom monni deɛ ɛyɛ akyiri daa, mo ne nnipa nyinaa ho.


Ko gyidie ko pa no, sɔ daa nkwa a wɔbɔɔ din frɛɛ woɔ na wopaee mu kaa no yie adansefoɔ pii anim no mu.


Na ɛma yɛde nnamyɛ ka sɛ: Awurade ne me boafoɔ, merensuro. Onipa bɛtumi ayɛ me deɛn?


Mo mu baako bɛpamo nnipa apem, na AWURADE mo Nyankopɔn no, ɔno na ɔko ma mo, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ mo no.


Nsuro amaneɛ a worebɛhunu biara. Hwɛ, ɔbonsam de mo mu binom bɛgu afiase, na wɔasɔ mo ahwɛ, na mobɛhunu amane dadu. Di nokorɛ kɔduru owuo mu, na mɛma wo nkwa abotire.


Na Dawid ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Mma ne ho nnyɛ obiara akomatuo; w’akoa bɛkɔ akɔne Filistini yi ako.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios