Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




5 Mose 2:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Nteetee Moab ho, na ɛne wɔn nnni aperepereɛ nnko, na meremma wo wɔn asase no bi nni so, ɛfiri sɛ mede Ar mama Lot mma sɛ wɔnni so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Nteetee Moab ho, na ɛne wɔn nnni aperepereɛ nnko, na meremma wo wɔn asase no bi nni so, ɛfiri sɛ mede Ar mama Lot mma sɛ wɔnni so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Monnhaw Moabfo no anaa monhyɛ wɔn abufuw a ɛde ɔko bɛba, na meremfa wɔn nsase no mu biara mma mo. Efisɛ mede Ar ama Lot asefo sɛ agyapade.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Monnha Moabfoɔ no anaa monnteetee wɔn sɛdeɛ ɛde ɔko bɛba, na meremfa wɔn nsase no mu biara mma mo. Ɛfiri sɛ, mede Ar ama Lot asefoɔ sɛ agyapadeɛ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Nhiahia Moab ho, na wo ne wɔn nnni aperepere nnko, na meremma wo wɔn asase no bi nni so, efisɛ mede Ar mama Lot mma sɛ wonni so.

Ver Capítulo Copiar




5 Mose 2:9
13 Referencias Cruzadas  

Na afei, hwɛ, Amonfoɔ, Moab ne Seir bepɔ a woamma Israel kwan amma wɔankɔ wɔn soɔ, berɛ a wɔfiri Misraim asase so reba no, na mmom wɔdane firii wɔn ho na wɔansɛe wɔn no,


Asiria nso de ne ho bataa wɔn ho, wɔaboa Lot mma.


Moab ho atemmusɛm. Ɛnam sɛ anadwo baako wɔasɛe Ar nti, Moab abɔ no, ɛnam sɛ anadwo baako wɔasɛe Kir Moab abɔ no nti,


ne deɛ nsubɔnhwa no sene a ɛdane kɔ Ar tenabea na ɛtwere Moab hyeɛ ho no.


Na ogya bi firii Hesbon, ogyaframa firii Sihon kuro kɛseɛ mu; ɛhyee Moab kuro Ar, Arnon sorɔnsorɔmmea so awuranom.


Na Moab ka kyerɛɛ Midian mpanimfoɔ sɛ: Afei ɛdɔm yi bɛdi yɛn ho adeɛ nyinaa, sɛdeɛ nantwie di asase so wira no. Saa berɛ no mu no Sipor ba Balak na na ɔyɛ Moab hene.


sɛdeɛ Esau mma a wɔte Seir ne Moabfoɔ a wɔte Ar yɛɛ me no, de bɛkɔ akɔsi sɛ mɛtwa Yordan makɔ asase a AWURADE yɛn Nyankopɔn de rema yɛn no soɔ.


mo ne wɔn nnni aperepereɛ, na meremfa wɔn asase nammɔn baako mpo memma mo, ɛfiri sɛ mede Seir bepɔ mama Esau sɛ n’atenaeɛ.


kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Yefta seɛ nie: Israel amfa Moab asase ne Amonfoɔ asase biara,


Na Israel somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Edomhene nkyɛn sɛ: Ma mentwam w’asase so ɛ! Na Edomhene no antie. Na ɔsoma maa wɔkɔɔ Moabhene nkyɛn nso, na wɔampene. Na Israel tenaa Kades.


Na wɔnantee ɛserɛ so kɔtwaa Edom asase ne Moab asase ho kɔntɔnkrɔn, na wɔbɛfirii Moab asase no apueeɛ, na wɔbɛkyeree nsraban Arnon agya nohoa, na wɔamma Moab asase so, ɛfiri sɛ Arnon ne Moab bɔ hyeɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios