Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




5 Mose 16:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 na di adapɛn dapɔnna ma AWURADE wo Nyankopɔn bɔ wo nsam ayamyi afɔdeɛ sɛdeɛ wahyira woɔ no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 na di adapɛn dapɔnna ma AWURADE wo Nyankopɔn bɔ wo nsam ayamyi afɔdeɛ sɛdeɛ wahyira woɔ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Na monhwɛ sɛnea Awurade, mo Nyankopɔn no, asi ahyira mo no so mfi mo pɛ mu mmɔ afɔre, nnyina so nni Asese Afahyɛ no mma Awurade, mo Nyankopɔn no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Monni Nnapɛn Dapɔnna ma Awurade, mo Onyankopɔn, na mommɔ ayamyɛ afɔdeɛ sɛdeɛ nhyira a Awurade, mo Onyankopɔn, ahyira mo no sɛso so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 na di adapɛn dapɔnna ma AWURADE wo Nyankopɔn bɔ wo nsam ayamye afɔre sɛnea AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo no;

Ver Capítulo Copiar




5 Mose 16:10
22 Referencias Cruzadas  

Na hwan ne me, na hwan ne me man, na yɛanya ahoɔden sɛ yɛbɛyi yɛn yam ama adeɛ seyie? Na wo nkyɛn na ne nyinaa fire, na wo nsam na yɛnyaa no, na yɛde ama woɔ yi.


Na Imna ba Kore, Lewini a ɔwɛn apueeɛ pono no na na ɔhwɛ Nyankopɔn ayamyɛ ayɛyɛdeɛ no soɔ, sɛ ɔde AWURADE mmasoɔ adeɛ ne akronkronneɛ mu adekronkron no bɛma.


Na Israelfoɔ mu mmarima ne mmaa nyinaa a wɔn akoma pɛ wɔn sɛ wɔmfa nnwuma a AWURADE nam Mose so hyɛɛ sɛ wɔnyɛ no ho biribi mmra no de ayamyi ayɛyɛdeɛ brɛɛ AWURADE.


AWURADE nhyira na ɛyɛ ɔdefoɔ, na ɔmfa awerɛhoɔ nka ho.


Ebia, obi nnim, ɔbɛsane na wasakyera n’adwene, na wagya n’akyiri nhyira, a ɛyɛ aduane ayɛyɛdeɛ ne ahwiesa a wɔde bɛkyɛ AWURADE mo Nyankopɔn.


Na sɛ ne nsa anso odwan ba so a, ɔmfa anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmra mmɛma, baako nyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, na baako nso nyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, na ne ho nte.


Na monkan nna mfa mfiri homeda no akyiri da, da a mode ohim fi no ba no ɛnyɛ nnawɔtwe nson pɛpɛɛpɛ.


Na sɛ obi nni gyefoɔ na ne nsa aso na wanya deɛ ɛso gyeɛ a,


Na sɛ ne nsa anso odwan so a, ɔmfa anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmrɛ AWURADE mmɛyɛ bɔne a wayɛ no mu asodie ho afɔdeɛ; baako nyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na baako nyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ.


Na sɛ mo adapɛn afahyɛ duru a, aduanekan da a mode mo aduane foforɔ afɔdeɛ rebrɛ AWURADE no, monhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara;


Na gye akofoɔ a wɔkɔɔ ɔsa no hɔ ɛtoɔ ma AWURADE: Nnipa ne anantwie ne mfunumu ne nnwan mu, ahanum ahanum mu mmaako mmaako,


na nnwan no mu ɛtoɔ a wɔyi maa AWURADE yɛ nnwan ahansia aduɔson nnum;


Daa, nnawɔtwe no mu da a ɛdi kan no, mo mu biara mfa deɛ ɛbɛsi no yie ama no anya no nsie, na mamma ansa na wɔayi toɔ no.


Na m’adwene a ɛwɔ ho ne sɛ, ɛfata sɛ afei mowie deɛ afe ni, ɛnyɛ ɔyɛ nko ara na mofirii aseɛ yɛeɛ, na mmom monyaa ho pɛ no nso.


Na sɛ akoma a ɛpɛ no wɔ hɔ a, ɛsɔ ani, sɛdeɛ onii wɔ adeɛ, na ɛnyɛ sɛdeɛ ɔnnie.


Na ma w’ani nnye AWURADE wo Nyankopɔn anim, wo ne wo babarima ne wo babaa ne w’akoa ne w’afenaa ne Lewini a ɔwɔ wo kuro apono mu ne ɔhɔhoɔ ne awisiaa ne okunafoɔ a wɔwɔ mo mu, faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛyi sɛ ne din ntena no;


Adapɛn nson na kan fa; da a wɔrefiri aseɛ de kantankrankyi ahyɛ ayuo mu no na firi kan adapɛn nson;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios