Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




5 Mose 15:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na AWURADE wo Nyankopɔn bɛhyira wo sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ woɔ no, na wode afɛm amanaman pii, na wo deɛ, worenkɔfɛm, na wobɛdi amanaman pii so, na wo deɛ, wɔrenni wo so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na AWURADE wo Nyankopɔn bɛhyira wo sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ woɔ no, na wode afɛm amanaman pii, na wo deɛ, worenkɔfɛm, na wobɛdi amanaman pii so, na wo deɛ, wɔrenni wo so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, behyira mo sɛnea wahyɛ mo bɔ no. Mobɛbɔ aman bebree bosea, nanso moremmɔ obiara hɔ bosea da. Mubedi aman bebree so, nanso obiara renni mo so da.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Awurade mo Onyankopɔn bɛhyira mo sɛdeɛ wahyɛ mo bɔ no. Mobɛbɔ aman bebree bosea nanso mo deɛ, morenkɔ aboseabɔ da. Mobɛdi aman bebree so nanso wɔrenni mo so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na AWURADE wo Nyankopɔn behyira wo sɛnea ɔka kyerɛɛ wo no, na wode afɛm amanaman pii, na wo de, worenkɔfɛm, na wubedi amanaman pii so, na wo de, wɔrenni wo so.

Ver Capítulo Copiar




5 Mose 15:6
14 Referencias Cruzadas  

Na monnɔ mo atamfoɔ, na monyɛ yie na momfɛm wɔ deɛ ani nni biribi soɔ, na mo akatua ayɛ bebree, na moayɛ deɛ ɔwɔ sorosoro no mma, ɛfiri sɛ ɔno deɛ, ɔyɛ ma bonniayɛfoɔ ne nnipa bɔne.


Ɔdefoɔ di ahiafoɔ so, na ɔdefɛmni yɛ deɛ ɔde fɛm akoa.


Na Salomo dii aman yi so firi Asubɔntene Eufrate ano kɔsi Filistifoɔ asase so ne Misraim hyeɛ so. Wɔde apeatoɔ ba na wɔsomm Salomo ne nkwa nna nyinaa.


Ɔbɔnefoɔ fɛm, na ɔntua, na ɔteneneeni hunu mmɔbɔ, na ɔma.


Nanso ahemfo akɛseɛ tenaa Yerusalem, na wɔdii asuogya hɔ nyinaa so, na wɔyii toɔ ne amanneɛ ne akwanneɛ maa wɔn nso.


Ɛnna wode wɔn hyɛɛ wɔn ahohiahiafoɔ nsa, na wɔhiahiaa wɔn ho. Na wɔn ahohiahia berɛ mu no, wɔsu frɛɛ wo, na wo deɛ, wofiri soro tiee wɔn, na sɛdeɛ wo mmɔborɔhunu kɛseɛ teɛ no, wode agyefoɔ maa wɔn, na wɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahiafoɔ no nsam.


Onipa a ɔyɛ adom na ɔde fɛm, ɛsi no yie, ɔbɛwie ne nsɛm di, atemmuo mu.


Ɔhunu mmɔbɔ daa, na ɔde fɛm, na n’asefoɔ nso yɛ nhyira.


Na ɔdi asubɔnten no atɔeɛ ahemfo a wɔwɔ asubɔnten no fa ha nyinaa so tumi firi Tifsa bɛduru Gasa, na ɔnyaa asomdwoeɛ n’ahyeɛ nyinaa so hyiae.


Na ɔdii ahennie nyinaa so de firi Asuo Eufrate ano de kɔsii Filistifoɔ asase so ne Misraim hyeɛ so.


ɔno deɛ, ɔbɛfɛm wo adeɛ, na wo deɛ, worennya bi mfɛm no; ɔno bɛkɔ kan, na wo deɛ, woaka akyire.


Tie nko na tie AWURADE wo Nyankopɔn nne sɛ wobɛhwɛ adi mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa so.


na afei ma no nyɛ wo fɛ sɛ, wobɛhyira w’akoa fie, na ɛnsi w’anim daa. Na deɛ wo, AWURADE, wohyira no no na wɔahyira no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios