Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




5 Mose 13:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 na boaboa emu asadeɛ nyinaa ano gu abɔntene so, na fa ogya hye kuro no ne emu asadeɛ no nyinaa sɛ afɔdeɛ mu ma AWURADE wo Nyankopɔn, na ɛnyɛ daa amamfo a wɔnnkyekyere bio.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 na boaboa emu asadeɛ nyinaa ano gu abɔntene so, na fa ogya hye kuro no ne emu asadeɛ no nyinaa sɛ afɔdeɛ mu ma AWURADE wo Nyankopɔn, na ɛnyɛ daa amamfo a wɔnnkyekyere bio.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Afei, mommoaboa asade no nyinaa ano wɔ kurow no aguabɔbea na monhyew no. Monhyew kurow mu no ne emu nneɛma nyinaa mma ɛnyɛ sɛ ɔhyew afɔre mma Awurade, mo Nyankopɔn no. Saa kurow no nyɛ amamfo daa; ɛnsɛ sɛ wɔsan kyekyere bio.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Afei, mommoaboa asadeɛ no nyinaa ano wɔ kuro no adwabɔeɛ na monhye no. Monhye kuro mu no ne emu nneɛma nyinaa mma ɛnyɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma Awurade, mo Onyankopɔn. Saa kuro no nyɛ amamfo daa; ɛnsɛ sɛ wɔsane kyekyere bio.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 na boaboa emu asade nyinaa ano gu abɔnten so, na fa ogya hyew kurow no ne emu asade no nyinaa sɛ afɔre mu ma AWURADE wo Nyankopɔn, na ɛnyɛ daa amamfo; wɔnnkyekyere bio.

Ver Capítulo Copiar




5 Mose 13:16
13 Referencias Cruzadas  

Obiara a ɔne aboa bɛda no, kum na wɔnku saa onipa no.


Damasko ho atemmusɛm. Hwɛ, Damasko renyɛ kuro bio, na ɛbɛyɛ nkunkumaboɔkuo.


Na woadane kuro nkunkumaboɔkuo, woama abandenden ayɛ abansini; ananafoɔ aban afɛfɛ nyɛ kuro bio, na wɔrento bio da biara da.


Ɛno nti, hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ mɛma Amon mma kuro Raba no ate ɔko mu osebɔ, na adane nkunkumaboɔkuo, na wɔde ogya ahye ɛho nkurowa, na Israel adi n’adedifoɔ adeɛ, AWURADE na ɔseɛ.


Na mɛyɛ wo ɔbotan kwawee, wobɛdane asau hatabea. Wɔrenkyekyere wo bio, na me, AWURADE, na maka, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Na mede Samaria bɛyɛ wiram aboɔkuo ne abobe atɛeɛ, na mede n’aboɔ bɛgu bonhwa no mu, na mayi ne nnyinasoɔ adi.


Wɔn anyame ahoni no, momfa ogya nhye; mma w’ani mmmere ɛho dwetɛ ne sika, na mfa bi, na ansum wo fidie, ɛfiri sɛ ɛyɛ AWURADE wo Nyankopɔn akyiwadeɛ.


Na mfa akyiwadeɛ nkɔ wo fie, na woanyɛ abusudeɛ sɛ ɛno; ma no nyɛ wo tane, na kyi, ɛfiri sɛ ɛyɛ abusudeɛ.


Na wɔde nkrantɛ ano sɛee deɛ ɛwɔ kuro no mu nyinaa pasapasa, mmarima ne mmaa, mmɔfra ne mpanin, anantwie ne nnwan ne mfunumu.


Na kuro no deɛ, wɔde ogya hyee ɛne deɛ ɛwɔ mu nyinaa. Emu dwetɛ ne sika, ne kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ nnoɔma nko na wɔde bɛguu AWURADE fie adekorabea no mu.


Na Yosua kaa ntam saa berɛ no sɛ: Nnome nka onipa a ɔbɛsɔre abɛkyekyere Yeriko kuro yi, AWURADE anim: Ɔde n’abakan na ɛbɛhyɛ aseɛ, na ɔde ne ba akumaa na ɛbɛsisi ano apono.


Na Yosua hyee Ai na ɔyɛɛ no daa amamfo sie de bɛsi nnɛ yi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios