Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




5 Mose 12:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 na ɛhɔ na momfa mo hyeɛ afɔdeɛ ne mo kum afɔdeɛ ne mo ntotosoɔ du du ne mo nsam mmasoɔ adeɛ ne mo bɔhyɛ adeɛ ne mo ayamyi afɔdeɛ ne mo anantwie ne mo nnwan mmakan nkorɔ;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 na ɛhɔ na momfa mo hyeɛ afɔdeɛ ne mo kum afɔdeɛ ne mo ntotosoɔ du du ne mo nsam mmasoɔ adeɛ ne mo bɔhyɛ adeɛ ne mo ayamyi afɔdeɛ ne mo anantwie ne mo nnwan mmakan nkorɔ;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Ɛhɔ na momfa mo hyew afɔrebɔde mmra mmɛbɔ a mo ntotoso du du, akyɛde sononko, ade a moaka ho ntam sɛ mode bɛba ne afɔrebɔde a efi mo pɛ mu, mo anantwi ne mo nguan mu mmakan nso nka ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Ɛhɔ na momfa mo hyeɛ afɔrebɔdeɛ mmra mmɛbɔ a mo ntotosoɔ dudu, akyɛdeɛ sononko, adeɛ a moaka ho ntam sɛ mode bɛba ne afɔrebɔdeɛ a ɛfiri akoma pa mu, mo anantwie ne mo nnwan mu mmakan nso ka ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 na ɛhɔ na momfa mo hyew afɔre ne mo kum afɔre ne mo ntotoso du du ne mo nsam soma ade ne mo bɔhyɛ ade ne mo ayamye afɔre ne mo anantwi ne mo nguan mmakan nkɔ.

Ver Capítulo Copiar




5 Mose 12:6
22 Referencias Cruzadas  

Na Imna ba Kore, Lewini a ɔwɛn apueeɛ pono no na na ɔhwɛ Nyankopɔn ayamyɛ ayɛyɛdeɛ no soɔ, sɛ ɔde AWURADE mmasoɔ adeɛ ne akronkronneɛ mu adekronkron no bɛma.


Na AWURADE bɛyii ne ho kyerɛɛ Salomo anadwo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mate wo mpaebɔ, na mayi ha afa sɛ afɔrebɔ fie.


Na Yosadak ba Yesua ne ne nuanom asɔfoɔ no, ne Sealtiel ba Serubabel ne ne nuanom sɔree, na wɔkɔsii Israel Nyankopɔn afɔrebukyia sɛ wɔrebɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ, sɛdeɛ wɔatwerɛ no Nyankopɔn akoa Mose mmara mu no.


na yɛde yɛn mmammarima ne yɛn mmoa mmakan nso, sɛdeɛ wɔatwerɛ no mmara no mu no, ne yɛn anantwie ne yɛn nnwan mmakan bɛba yɛn Nyankopɔn fie de abrɛ asɔfoɔ a wɔsom yɛn Nyankopɔn fie no,


Na Israelfoɔ ne Lewifoɔ no nyinaa mfa aduane ne nsa ne ngo mmasoɔ afɔrebɔdeɛ mmra mpia no mu, na ɛhɔ na kronkronbea nnwinneɛ ne asɔfoɔ a wɔsom ne apono ano ahwɛfoɔ ne nnwontofoɔ no wɔ; na yɛrennya yɛn Nyankopɔn fie no.


Wo na mɛbɔ wo aseda afɔdeɛ, na mabɔ AWURADE din.


Na bepɔ kronkron, Israel bepɔ a ɛkorɔn no so, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ɛhɔ na Israel fie nyinaa, wɔn dodoɔ a ɛwɔ asase no soɔ nyinaa bɛsom me; ɛhɔ na wɔbɛsɔ m’ani, na ɛhɔ nso na mɛbisa mo mmasoɔ adeɛ ne mo ayɛyɛdeɛ mu adikanneɛ, mo akronkronneɛ nyinaa mu.


Sɛ n’ayɛyɛdeɛ no yɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛfiri anantwie mu a, ɔmfa onini a ɔdi mu mmra; ahyiaeɛ ntomadan no ano na ɔmfa no mmra, na wasɔ AWURADE ani.


Momfa ntotosoɔ du du no nyinaa mmra adekoradan mu, na aduane ntena me fie; na momfa yei nsɔ me nhwɛ ɛ, asafo AWURADE na ɔseɛ, sɛ meremmue ɔsoro mpomma memma mo, na merenhwie nhyira memma mo mma no mmoro so anaa?


Onipa bɛfom Onyankopɔn afa sɛdeɛ morefom me fa yi anaa? Nanso mobisa sɛ: Ɛdeɛn mu na yɛfom wo fa? Ntotosoɔ du du ne mmasoɔ afɔrebɔdeɛ mu.


Na mo Farisifoɔ, monnue sɛ momma ɛme ne nunum ne fan nyinaa so ntotosoɔ du du, na mogya atemmuo ne Nyankopɔn dɔ hɔ. Yei na anka ɛsɛ sɛ moyɛ, nanso ɛnsɛ sɛ mogya deɛ ɛka ho no hɔ.


Medi mmuada dapɛn mu mprenu, mede deɛ menya nyinaa so ntotosoɔ du du mema.


Deɛ ɛnsɛ sɛ wodie wɔ wo nkuro mu ne: W’aburoo ne wo nsa ne wo ngo ntotosoɔ du du ne w’anantwie ne wo nnwan mmakan ne wo bɔhyɛ adeɛ biara a woahyɛ ho bɔ ne w’ayamyi afɔdeɛ ne wo nsam mmasoɔ adeɛ;


fa so aduadeɛ a wobɛnya no w’asase a ɔde rema woɔ no soɔ no nyinaa so aduanekan no bi gu kɛntɛn mu, na fa kɔ faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛkyerɛ sɛ ne din ntena no,


na mmom sɛ ɛnyɛ yɛn ne mo ne yɛn awoɔ ntoatoasoɔ a wɔbɛba yɛn akyire no ntam adanseɛ sɛ yɛde yɛn hyeɛ afɔdeɛ ne yɛn kum afɔdeɛ ne yɛn asomdwoeɛ afɔdeɛ bɛsom AWURADE som no n’anim, na ɔkyena bi mo mma anka ankyerɛ yɛn mma sɛ: Monni AWURADE mu kyɛfa bi!


Na ɔbarima Elkana ne ne fiefoɔ nyinaa foro kɔɔ sɛ ɔrekɔbɔ afirinhyia afɔdeɛ de n’aboadeɛ akɔma AWURADE.


Na ɔtwaa no no, ɔfaa no kaa ne ho de nantwinini a wadi mfeɛ mmiɛnsa ne esiam efa baako ne bobesa kotokuo ma de no baa AWURADE fie Silo. Na abɔfra no sua.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios