Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




5 Mose 12:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 na mmom faako a ɔbɛyi mo mmusuakuo nyinaa mu sɛ ɔde ne din bɛtoɔ na watena no na monhwɛ, na ɛhɔ na monkorɔ;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 na mmom faako a ɔbɛyi mo mmusuakuo nyinaa mu sɛ ɔde ne din bɛtoɔ na watena no na monhwɛ, na ɛhɔ na monkorɔ;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Na mmom, monhwehwɛ faako a Awurade, mo Nyankopɔn, beyi afi mo mmusuakuw mu ama mo no na munnyina ne din wɔ hɔ sɛ nʼatenae. Beae hɔ na ɛsɛ sɛ mokɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Na mmom, monhwehwɛ baabi a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛyi afiri mo mmusuakuo mu ama mo no na montim ne din hɔ sɛ nʼatenaeɛ. Beaeɛ hɔ na ɛsɛ sɛ mokɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 na mmom faako a AWURADE mo Nyankopɔn beyi mo mmusuakuw nyinaa mu sɛ ɔde ne din bɛto na watena no na monhwɛ, na ɛhɔ na monkɔ;

Ver Capítulo Copiar




5 Mose 12:5
50 Referencias Cruzadas  

sɛ ɔman yi foro kɔbɔ afɔdeɛ AWURADE fie Yerusalem a, ɛnneɛ ɔman yi akoma bɛdane akɔ wɔn wura Rehoboam, Yuda hene nkyɛn, na wɔaku me, na wɔasane akɔ Yudahene Rehoboam nkyɛn.


Na Salomo ba Rehoboam dii hene Yuda. Na Rehoboam adi mfirinhyia aduanan baako na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfirinhyia dunson wɔ Yerusalem, kuro a AWURADE fa firii Israel mmusuakuo nyinaa mu sɛ ɔde ne din bɛto hɔ no mu. Na ne na din de Naama a ɔyɛ Amonni.


Ɛfiri da a mekɔyii me man Israel firii Misraim baeɛ no, manyi Israel mmusuakuo nyinaa mu kuro bi sɛ wɔnsi ɛdan, na me din ntena hɔ; na mafa Dawid sɛ ɔnni me man Israel so.


Na AWURADE ama n’asɛm a ɔkaeɛ no atim, na masɔre masi m’agya Dawid ananmu, atena Israel ahennwa so, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no, na masi ɛdan no mama AWURADE, Israel Nyankopɔn din,


Na ampa sɛ Onyankopɔn bɛtena asase so anaa? Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro ntumi nkora wo, na nkantom ɛdan yi a masie yi!


sɛ wobɛbue w’ani akyerɛ ɛdan yi anadwo ne awia, sɛdeɛ wokaa sɛ: Me din bɛtena hɔ no, na woatie mpaeɛ a w’akoa rebɔ kyerɛ ha yi.


Na sɛ moka kyerɛ me sɛ: AWURADE yɛn Nyankopɔn so na yɛde yɛn ho toɔ a, ɛnyɛ ɔno na Hesekia ayi ne sorɔnsorɔmmea ne n’afɔrebukyia, na wase Yuda ne Yerusalem sɛ: Afɔrebukyia a ɛwɔ Yerusalem yi anim na monsɔreɛ?


Na Dawid kaa sɛ: Ɛha bɛyɛ AWURADE Nyankopɔn fie no, na ayɛ Israel ɔhyeɛ afɔrebukyia no.


Na AWURADE bɛyii ne ho kyerɛɛ Salomo anadwo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mate wo mpaebɔ, na mayi ha afa sɛ afɔrebɔ fie.


Na Yosadak ba Yesua ne ne nuanom asɔfoɔ no, ne Sealtiel ba Serubabel ne ne nuanom sɔree, na wɔkɔsii Israel Nyankopɔn afɔrebukyia sɛ wɔrebɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ, sɛdeɛ wɔatwerɛ no Nyankopɔn akoa Mose mmara mu no.


Na Onyankopɔn a ɔma ne din tena hɔ no bɛbutu ɔhene ne ɔman biara a wɔtene wɔn nsa dane ani, sɛ wɔbɛbubu Nyankopɔn fie yi wɔ Yerusalem. Me Dario na mahyɛ mmara yi, ma wɔnni so pɛpɛɛpɛ.


Yei nyinaa nti bɔ mmɔden fa sika no tɔ anantwie, adwennini, nnwammaa ne wɔn ho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, na fa kɔbɔ afɔdeɛ, afɔrebukyia a ɛwɔ mo Nyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no so.


Na sɛ mosane ba me nkyɛn, na mohwɛ me mmara nsɛm di so a, ɛnneɛ sɛ wɔpamo mo kɔ ɔsoro ano nohoa a, ɛhɔ ara na mɛfiri maboaboa mo ano mede mo aba faako a mayi sɛ mɛma me din atena hɔ no.


na mmom ɔfaa Yuda abusuakuo, Sion bepɔ a wadɔ no no.


M’ahoɔden ne me dwontoɔ ne AWURADE, na wayɛ me nkwagyeɛ. Ɔno ne me Nyankopɔn, na mɛkamfo no. Ɔyɛ m’agya Nyankopɔn, na mɛma no so.


Dɔteɛ afɔrebukyia na yɛ ma me, na ɛso na fa wo nnwan ne w’anantwie bɔ ɔhyeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na baabiara a mɛma wɔakae me din no, mɛba wɔn nkyɛn mabɛhyira wɔn.


Na ɛhɔ na me ne wo bɛhyia, na mafiri mpata adwa no so wɔ kerubim mmienu a wɔwɔ Adanseɛ adaka no soɔ no ntam maka wo nnoɔma a mɛhyɛ wo sɛ fa kyerɛ Israelfoɔ no nyinaa.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Kɔgyina AWURADE fie abannwa mu, na Yuda nkuro a wɔba AWURADE fie asɔre no nyinaa, ka nsɛm a mehyɛ wo sɛ ka kyerɛ wɔn no nyinaa gu wɔn so; nyi mu asɛm biara;


Na monkɔ me tenabea a ɛwɔ Silo a meyii no akane sɛ me din ntena hɔ no, na monkɔhwɛ deɛ me man Israel bɔne no nti mayɛ no.


mɛyɛ efie a wɔde me din atoɔ no a mode mo ho to soɔ no ne tenabea a mede memaa mo ne mo agyanom no, sɛdeɛ meyɛɛ Silo no ara,


na ɔmfa mma ahyiaeɛ ntomadan no ano mmɛyɛ ayɛyɛdeɛ mma AWURADE wɔ tenabea anim no, wɔbɛbu mogya agu ne so, waka mogya agu, na wɔbɛtwa saa onipa no afiri ne man mu atwene,


Na Mose hyɛnee ahyiaeɛ ntomadan no mu sɛ ɔne AWURADE rekɔkasa no, ɔtee ɛnne no sɛ ɛrekasa kyerɛ no firi mpata adwa a ɛwɔ adanseɛ adaka no soɔ no so wɔ kerubim mmienu no ntam; na AWURADE kasa kyerɛɛ no.


ɛnneɛ faako a AWURADE mo Nyankopɔn bɛyi ama ne din atena no, ɛhɔ na momfa deɛ merehyɛ mo no nyinaa nkorɔ: Mo hyeɛ afɔdeɛ ne mo kum afɔdeɛ ne mo ntotosoɔ du du ne mo nsam mmasoɔ adeɛ ne mo bɔhyɛ adeɛ a moyie a mode hyɛ AWURADE bɔ no nyinaa.


Hwɛ wo ho yie na woammɔ wo hyeɛ afɔdeɛ baabiara a wohunu,


gye sɛ AWURADE wo Nyankopɔn anim, faako a ɔbɛyie no na die, wo ne wo babarima ne wo babaa ne w’akoa ne w’afenaa ne Lewini a ɔwɔ wo kuro apono mu, na ma w’ani nnye AWURADE wo Nyankopɔn anim, deɛ wode wo nsa ka nyinaa ho.


Monnyɛ AWURADE mo Nyankopɔn saa,


Na di no wɔ AWURADE wo Nyankopɔn anim wɔ faako a ɔbɛyi sɛ ne din ntena no, w’aburoo, wo nsa ne wo ngo so ntotosoɔ du du, w’anantwie ne wo nnwan mmakan, na woasua AWURADE wo Nyankopɔn suro nna nyinaa.


Na sɛ AWURADE wo Nyankopɔn hyira wo na sɛ ɔkwan no ware a wontumi nsoa, ɛfiri sɛ faako a AWURADE wo Nyankopɔn ayi sɛ ɔde ne din bɛto hɔ no ne wo ntam ware a,


AWURADE wo Nyankopɔn anim na di no daa afirinhyia, faako a AWURADE bɛyie no, wo ne wo fie.


Na ma w’ani nnye AWURADE wo Nyankopɔn anim, wo ne wo babarima ne wo babaa ne w’akoa ne w’afenaa ne Lewini a ɔwɔ wo kuro apono mu ne ɔhɔhoɔ ne awisiaa ne okunafoɔ a wɔwɔ mo mu, faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛyi sɛ ne din ntena no;


Nnanson na di dapɔnna no ma AWURADE wo Nyankopɔn faako a wayie hɔ: Na AWURADE wo Nyankopɔn bɛhyira wo, wo nnɔbaeɛ mu ne wo nsa ano adwuma nyinaa mu; enti ma w’ani nnye ara.


Enti kum Twam afɔdeɛ no ma AWURADE wo Nyankopɔn, nnwan ne anantwie, faako a AWURADE ayi sɛ ne din ntena no.


gye faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛyi sɛ ne din ntena no, ɛhɔ na kum Twam no anwummerɛ a owia rekɔtɔ no, wo Misraim fire berɛ no mu;


na ma no mmen na di no faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛkyerɛ hɔ, na adeɛ kye a, woasane akɔ wo ntomadan mu.


Sɛ asɛm bi a ɛho atemmuo yɛ wo den te sɛ awudie, manso, ɔpira ne ɔbɔ ne ɔbɔ ntam si, na ɛyɛ wo nkuro mu akasakasa nsɛm bi a, ɛnneɛ sɔre kɔ faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛkyerɛ,


Na sɛ Lewini bi firi wo nkuro no biara mu, firi Israel mu baabiara a wakɔsoɛ, na ɔde ne pɛ nyinaa ba bɛtena faako a AWURADE bɛkyerɛ a,


fa so aduadeɛ a wobɛnya no w’asase a ɔde rema woɔ no soɔ no nyinaa so aduanekan no bi gu kɛntɛn mu, na fa kɔ faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛkyerɛ sɛ ne din ntena no,


a Israel nyinaa aba rebɛpue AWURADE wo Nyankopɔn anim faako a ɔbɛkyerɛ no, kenkan mmara yi, Israel nyinaa anim gu wɔn aso mu.


ɛfiri sɛ Kristo mu na Onyame ankasa mayɛ nyinaa teɛ nipadua mu,


Na mmom moaba Sion bepɔ ne Onyankopɔn teasefoɔ kuro, ɔsoro Yerusalem ho, ne abɔfoɔ mpempem nhyiamu,


Na Israelfoɔ asafo no nyinaa bɛhyiaa Silo, na wɔsii ahyiaeɛ ntomadan no wɔ hɔ, na wɔbrɛɛ asase no ase wɔn anim.


Na Israelfoɔ no tee sɛ wɔse: Hwɛ, Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no asi afɔrebukyia wɔ Kanaan asase no anim, Yordan ho asase no so, ɔfa a ɛyɛ Israelfoɔ deɛ no so.


Na da no ara Yosua de wɔn yɛɛ nnuatwafoɔ ne nsusafoɔ maa asafo no ne AWURADE afɔrebukyia no sɛ ɛntoa so mmɛsi nnɛ yi faako a ɔbɛyie.


Na mehunui, na hwɛ, Adwammaa no gyina Sion bepɔ so, na mpem ɔha aduanan nnan a wɔatwerɛtwerɛ ne din ne n’Agya din wɔ wɔn moma soɔ no ka ne ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios