Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




5 Mose 12:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na sɛ monya twa Yordan kɔtena asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema mo sɛ monni soɔ no so, na ɔma mo home firi mo atamfoɔ a wɔatwa mo ho ahyia no nyinaa ho na motena ase dwoodwoo a,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Na sɛ monya twa Yordan kɔtena asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema mo sɛ monni soɔ no so, na ɔma mo home firi mo atamfoɔ a wɔatwa mo ho ahyia no nyinaa ho na motena ase dwoodwoo a,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Nanso mubetwa Asubɔnten Yordan akɔtena asase a Awurade, mo Nyankopɔn, de rema mo sɛ agyapade no so. Na ɔbɛma mo ahomegye ne bammɔ afi mo atamfo a wɔatwa mo ho ahyia no nsam na moatena ase dwoodwoo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Ɛrenkyɛre biara, mobɛtwa Asubɔnten Yordan akɔtena asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo sɛ agyapadeɛ sononko no so. Sɛ ɔma mo ahomegyeɛ ne banbɔ wɔ mo atamfoɔ ho a,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Na sɛ munya twa Yordan kɔtena asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema mo sɛ munni so no so, na ɔma mo home fi mo atamfo a wɔatwa mo ho ahyia no nyinaa ho na motena ase dwoodwoo a,

Ver Capítulo Copiar




5 Mose 12:10
27 Referencias Cruzadas  

Na wɔrenyɛ amanaman fomfa adeɛ bio, na asase so mmoa renni wɔn nam bio, na wɔbɛtena ase dwoodwoo a obiara biara renyi wɔn hu.


na wɔbɛte ahosan nne ne anigyeɛ nne, ayeforɔkunu nne ne ayeforɔ nne, wɔn a wɔka sɛ: Monkamfo asafo AWURADE, na AWURADE yɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa, no nne, ne wɔn a wɔde aseda ba AWURADE fie no nne bio, na mede asase no nnommum bɛsane aba sɛ akane no, AWURADE na ɔseɛ.


Na morebɛtwa Yordan akɔ akɔfa asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema mo no, na mobɛfa atena so.


na me deɛ, merebɛwu asase yi so, merentwa Yordan, na mo na mobɛtwa akɔfa asase pa no.


Foro kɔ Pisga so, na ma w’ani so hwɛ atɔeɛ ne atifi fam ne anafoɔ ne apueeɛ, na fa w’ani hwɛ, na Yordan yi deɛ, worentwa.


Nna pii akyiri no, wɔbɛba abɛhwɛ wo; mfeɛ a ɛdi akyire no mu no, wobɛba asase a wɔadane ɛsofoɔ afiri nkrantɛ ano de wɔn abɛsi hɔ na wɔaboa wɔn ano afiri aman bebree mu no so, Israel mmepɔ a ɛdedaa mpan daa no so; na afei wɔayi ɔman no afiri aman no mu, na wɔn nyinaa te hɔ dwoodwoo.


Na me ne wɔn bɛpam asomdwoeɛ apam, na mahye mmoa bɔne ase, asase no so, na wɔatena ɛserɛ so dwoodwoodwoo, na wɔadeda kwaeɛ mu.


Na wɔbɛtena so dwoodwoo, asi adan, ayeyɛ bobe nturo, na wɔatena ase dwoodwoo, ɛfiri sɛ mɛyɛ atemmudeɛ, wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia bu wɔn animtia no nyinaa mu, na wɔahunu sɛ mene AWURADE wɔn Nyankopɔn.


Hwɛ, me ara mɛboa wɔn ano afiri nsase a m’abufuo ne m’abufuhyeɛ ne anibereɛ kɛseɛ mu mesunsumm wɔn kɔɔ hɔ no nyinaa so, na mede wɔn asane aba ha bio, na mama wɔatena ase dwoodwoo,


Ne berɛ so na wɔbɛgye Yuda nkwa, na Israel atena ase dwoodwoo, na yei ne ne din a wɔde bɛfrɛ no: AWURADE yɛn tenenee.


Na deɛ ɔtie me no deɛ ɔbɛtena hɔ komm, na ne ho adwo no a ɔnsuro mmusuo.


Asomdwoeɛ mu na mɛkɔ makɔda, na mada prɛko, na wo, AWURADE, nko ara na woma metena hɔ dwoodwoo.


Na Yuda ne Israel tenaa ase dwoodwoo wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase mmaako mmaako firi Dan kɔsi Beer-seba, Salomo nna nyinaa.


Ɛnna Samuel faa ɔboɔ baako de sii Mispa ne Sen ntam, na ɔtoo no din Eben-eser kaa sɛ: Ɛha na AWURADE aboa yɛn abɛsie.


Na Ruben mma ne Gad mma ne Manase abusuakuo fa no miae twa kɔdii Israelfoɔ no anim, sɛdeɛ Mose ka kyerɛɛ wɔn no,


Na asɔfoɔ a wɔso apam adaka no gyinaa asase pɛsɛɛ so Yordan mfimfini pintinn, na Israel nyinaa nam asase pɛsɛɛ so twa de kɔsii sɛ ɔman mu no nyinaa wiee Yordan twa.


Na Israel bɛtena hɔ dwoodwoo, Yakob asubura no nkutoo, ɔbɛtena aburoo ne nsa asase so; ne soro nso bɛsosɔ obosuo.


Benyamin ho nso, ɔkaa sɛ: AWURADE dɔfo bɛtena ne nkyɛn dwoodwoo; ɔkata ne so daa nyinaa, na ɔbɛtena ne mmatiri so.


Israel, tie! Worebɛtwa Yordan nnɛ akɔ akɔtu amanaman a wɔsoso na wɔn ho yɛ den sene woɔ, afa nkuro akɛseɛ a wɔatoto ho afasuo akɔ soro,


Na AWURADE kaa sɛ: Me ara ankasa mɛdi wo anim ne wo akɔ, na mama woakɔhome.


Na Yosua faa asase no nyinaa, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ Mose no nyinaa; na Yosua kyekyɛɛ mu maa Israel maa no yɛɛ wɔn agyapadeɛ, sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ wɔn mmusuakuo no mu. Na asase no so home firii akodie mu.


Nhyira ne AWURADE a wama ne man Israel ahome. N’asɛmpa a ɔnam n’akoa Mose so kaeɛ no nyinaa mu asɛm baako mpo antɔ fam.


Na yei ne Israel agyapadeɛ a wɔnyaa no Kanaan asase soɔ a Ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun ba Yosua ne Israelfoɔ mmusuakuo mu agyanom so atitire no kyekyɛ maa wɔn,


Ɛnyɛ AWURADE mo Nyankopɔn na ɔdi mo akyire na wama mo ho nyinaa adwo mo ahyia? Na ɔde asase no sofoɔ ahyɛ me nsa, na wɔabrɛ asase no ase AWURADE ne ne man anim?


na woaka sɛ: Mɛforo makɔ asase a ano da hɔ no, akɔtua wɔn a wɔwɔ hɔ komm a wɔte hɔ dwoodwoo no, wɔn nyinaa tete hɔ a wɔnni ɔfasuo, na wɔnni aponkɛseɛ ne akyire adaban,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios