Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




5 Mose 11:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 na mo ani ahunu AWURADE nneyɛɛ akɛseɛ a ɔyɛeɛ no nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 na mo ani ahunu AWURADE nneyɛeɛ akɛseɛ a ɔyɛeɛ no nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Mmom, ɛyɛ mo ankasa mo ani na mode ahu saa nneɛma akɛse a Awurade ayɛ yi nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Na mode mo ani ahunu Awurade tumi nnwuma a ɔyɛeɛ nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 na mo ani ahu AWURADE nneyɛe akɛse a ɔyɛe no nyinaa.

Ver Capítulo Copiar




5 Mose 11:7
12 Referencias Cruzadas  

Hwan na ɔbɛtumi aka AWURADE mmaninneɛ, na wama wɔate n’ayeyie nyinaa?


sɛ wɔbɛma nnipa mma ahunu ne mmaninneɛ ne n’ahennie animuonyam a ɛhran no.


Monyi no ayɛ ne mmaninyɛ mu, monyi no ayɛ sɛ ne kɛseyɛ sononko no teɛ.


ne deɛ ɔyɛɛ Ruben ba Eliab mma Datan ne Abiram a asase buee n’anomu menee wɔn ne wɔn afie ne wɔn ntomadan ne wɔn a wɔdii wɔn akyire nyinaa firii Israel nyinaa mfimfini no;


Enti monni mmara nsɛm a merehyɛ mo nnɛ yi nyinaa so, na mo ho ayɛ den, na moakɔ akɔfa asase a moretwam akɔ so akɔfa no,


enti tie AWURADE wo Nyankopɔn nne, na di ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ a merehyɛ wo nnɛ yi so.


Na Mose frɛɛ Israel nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo ara moahunu deɛ AWURADE yɛɛ Farao ne ne nkoa nyinaa ne n’asase nyinaa mo ani so wɔ Misraim asase soɔ no nyinaa,


Mo ani ahunu deɛ Baal-peor nti AWURADE yɛeɛ sɛ nnipa a wɔdii Baal-peor akyire nyinaa AWURADE mo Nyankopɔn sɛee wɔn firii mo mu;


ɛnyɛ yɛn nananom na AWURADE ne wɔn pam apam yi, na ɛyɛ yɛn a ɛnnɛ yɛn nyinaa tete aseɛ yi ara.


sɔhwɛ akɛseɛ a w’ani hunuiɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne nsa a ɛyɛ den ne basa a watene mu a AWURADE wo Nyankopɔn de yii woɔ no; saa na AWURADE wo Nyankopɔn bɛyɛ aman a wosuro wɔn no nyinaa.


Na Israel som AWURADE, Yosua nna nyinaa, ne nna a mpanimfoɔ a wɔnyini kyɛree Yosua akyiri nyinaa na wɔhunuu AWURADE nnwuma a ɔyɛ maa Israel no nyinaa wɔ hɔ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios