Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




5 Mose 10:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Enti montwitwa mo akoma twetia, na monnsene mo kɔn bio.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Enti montwitwa mo akoma twetia, na monnsene mo kɔn bio.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Ɛno nti, monhohoro mo koma mu bɔne na munnyae asoɔden no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Ɛno enti, momma wɔnte mo akoma mu na monnyae asoɔden no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Enti muntwitwa mo koma twetia, na munnsen mo kɔn bio.

Ver Capítulo Copiar




5 Mose 10:16
13 Referencias Cruzadas  

Na montwitwa mo ho twetia, na ayɛ me ne mo ntam apam no ho nsɛnkyerɛnneɛ.


Afei monnsensene mo kɔn sɛ mo agyanom, momfa mo ho mma AWURADE, na mommra ne kronkronbea a wayɛ no kronkron de rekɔsi daa no mu, na monsom AWURADE mo Nyankopɔn, na n’abufuhyeɛ no mfiri mo ho nkɔ.


Hohoro w’akoma ho firi bɔne mu, O Yerusalem, na wɔagye wo. Da bɛn na w’abusudwene ntena wo mu nkɔsie?


Montwitwa mo ho twetia mma AWURADE, na monyi mo akoma momonoto, Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ, anyɛ saa a, m’abufuo bɛfiri sɛ ogya abɛhye a obiara nni hɔ a ɔbɛdum no, mo nneyɛɛ mu bɔne ntira.


sɛ mode ananafoɔ mma, akoma mu momonotofoɔ ne honam mu momonotofoɔ baeɛ, sɛ wɔmmɛtena me kronkronbea ngu me fie ho fi, sɛ mode m’aduane, sradeɛ ne mogya baeɛ, na wɔsɛee m’apam, mo akyiwadeɛ nyinaa soɔ,


me nso mene wɔn dii asie, na mede wɔn kɔɔ wɔn atamfoɔ asase so; — na sɛ afei wɔn akoma momonoto no bɛbrɛ ase na wɔapene wɔn amumuyɛ ho asotwe no so a,


Na AWURADE wo Nyankopɔn bɛma wo ne w’asefoɔ akoma a ɛdwoɔ, na wode w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa adɔ AWURADE wo Nyankopɔn na woanya nkwa.


Na me deɛ, menim w’atuateɛ ne wo kɔn a asene; hwɛ, meda so ne mo te ase nnɛ yi mpo moyɛ AWURADE anim atuatefoɔ, na me wuo akyiri ɛ!


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Mahunu ɔman yi, na hwɛ, wɔyɛ ɔman a wɔn kɔn asene;


Enti hunu sɛ ɛnyɛ wo tenenee nti na AWURADE wo Nyankopɔn de asase pa yi rema wo sɛ di soɔ, na ɔman a wɔn kɔn asene ne wo.


ɔno mu na wɔatwa mo twetia a wɔamfa nsa antwa, na deɛ ɛwɔ honam nipadua mu a wɔyi gu hɔ no, wɔayi no wɔ Kristo twetiatwa mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios