Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




5 Mose 10:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na afei, Israel, ɛdeɛn na AWURADE wo Nyankopɔn repɛ no wo nkyɛn? Ɛne sɛ wobɛsuro AWURADE wo Nyankopɔn, na wonante n’akwan nyinaa soɔ, na woadɔ no, na wode w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa asom AWURADE wo Nyankopɔn,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Na afei, Israel, ɛdeɛn na AWURADE wo Nyankopɔn repɛ no wo nkyɛn? Ɛne sɛ wobɛsuro AWURADE wo Nyankopɔn, na wonante n’akwan nyinaa soɔ, na woadɔ no, na wode w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa asom AWURADE wo Nyankopɔn,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Na afei, Israel, dɛn na Awurade, mo Nyankopɔn, hwehwɛ afi mo nkyɛn? Ɔhwehwɛ sɛ musuro no na moyɛ nʼapɛde, na mode mo koma ne mo kra nyinaa dɔ no na mosom no,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Enti Israel, ɛdeɛn na Awurade, mo Onyankopɔn, hwehwɛ afiri mo nkyɛn? Ɔhwehwɛ sɛ mosuro no na moyɛ nʼapɛdeɛ, na mode mo akoma ne mo kra nyinaa dɔ no na mosom no,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Na afei, Israel, dɛn na AWURADE wo Nyankopɔn repɛ wo nkyɛn sɛ gye sɛ wusuro AWURADE wo Nyankopɔn, na wonantew n’akwan nyinaa so, na wodɔ no, na wode wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa som AWURADE wo Nyankopɔn,

Ver Capítulo Copiar




5 Mose 10:12
55 Referencias Cruzadas  

Na Salomo nam n’agya Dawid ahyɛdeɛ no mu dɔ AWURADE, nanso ɔbɔ afɔdeɛ na ɔhye aduhwam sorɔnsorɔmmea no so.


Nanso Yehu anhwɛ amfa n’akoma nyinaa anni AWURADE Israel Nyankopɔn mmara so; wamfiri Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne ho.


Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, sɛdeɛ n’agya Dawid yɛeɛ nyinaa.


Na ɔbataa AWURADE ho, wansane amfiri n’akyi, na ɔdii mmara nsɛm a AWURADE hyɛɛ Mose no so.


Na wo, me ba Salomo, hunu w’agya Onyankopɔn no, na fa w’akoma nyinaa ne wo kra anisɔ som no, na AWURADE peepee akoma nyinaa mu, na ɔhunu adwene nyinaa mu. Sɛ wohwehwɛ no a, ɔbɛma woahu no; na sɛ wogyaa no a, ɔbɛto wo atwene koraa.


na wɔne AWURADE yɛɛ apam sɛ wɔde wɔn akoma nyinaa ne wɔn kra nyinaa bɛhwehwɛ AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no,


Sɛ wɔtie na wɔsom no a, wɔwie wɔn nna di yiedie mu, ne wɔn mfeɛ nso deɛ ɛyɛ wɔn dɛ mu.


Nhyira ne wɔn a wɔhwɛ n’adansesɛm soɔ, na wɔde wɔn akoma nyinaa di akyire,


Nhyira ne obiara a ɔsuro AWURADE, na ɔfa n’akwan soɔ.


AWURADE hwɛ n’adɔfo nyinaa so, na abɔnefoɔ nyinaa deɛ, ɔbɛsɛe wɔn.


Ao, AWURADE, m’ahoɔden, medɔ wo.


AWURADE akronkronfoɔ, monsuro no! na biribiara remmɔ wɔn a wɔsuro no.


Ao, sɛ me man tie me ɛ, sɛ Israel nante m’akwan so ɛ!


Anka ɛrenkyɛ na mabrɛ wɔn atamfoɔ ase, na madane me nsa matia wɔn ahohiahiafoɔ.


Na monsom AWURADE mo Nyankopɔn na wahyira w’aduane ne wo nsuo so, na mayi yadeɛ afiri wo mu.


Asɛm no awieeɛ, deɛ yɛateɛ nyinaa ne sɛ: Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na yei ne nnipa nyinaa asɛdeɛ.


na wɔanante m’ahyɛdeɛ mu, na wɔadi m’atemmudeɛ so ayɛ, na wɔayɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn.


Wɔaka deɛ ɛyɛ akyerɛ wo, onipa, ne deɛ AWURADE hwehwɛ no wo hɔ, ɛnyɛ biribiara sɛ adeteneneeyɛ ne adɔeɛpɛ ne ahobrɛaseɛ a wode ne wo Nyankopɔn nanteɛ.


Na ɛno ansa na mɛdane amanaman ano ayɛ no kronkron, sɛ wɔn nyinaa mmɔ AWURADE din no, na wɔnyɛ anokorɔ nsom no.


Na ɔsee no sɛ: Dɔ Awurade wo Nyankopɔn w’akoma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu!


Na ɔbuaa sɛ: Fa w’akoma nyinaa, ne wo kra nyinaa, ne w’ahoɔden nyinaa, ne w’adwene nyinaa dɔ Awurade wo Nyankopɔn; na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.


Na mo Farisifoɔ, monnue sɛ momma ɛme ne nunum ne fan nyinaa so ntotosoɔ du du, na mogya atemmuo ne Nyankopɔn dɔ hɔ. Yei na anka ɛsɛ sɛ moyɛ, nanso ɛnsɛ sɛ mogya deɛ ɛka ho no hɔ.


Ɛnna asafo no nyaa asomdwoeɛ Yudea ne Galilea ne Samaria nyinaa, na wɔnyini kɔɔ so; na wɔnam Awurade suro ne Honhom Kronkron awerɛkyekyerɛ mu dɔree.


Na me danseni ne Onyankopɔn a mesom no me honhom mu, ne Ba no asɛmpa no mu, sɛ mennyae mo din bɔ da, me mpaebɔ mu,


Na yɛnim sɛ wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no, adeɛ nyinaa di boa wɔn ma no wie wɔn yie, wɔn a wɔnam ne tirimbɔ no so afrɛ wɔn no.


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre kɔdi ɔman no anim ma wɔntu nkɔfa asase a mekaa wɔn nananom ntam sɛ mede bɛma wɔn no.


na woadi ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ a merehyɛ wo nnɛ yi soɔ, na asi wo yie.


Enti dɔ AWURADE wo Nyankopɔn, na hwɛ n’ahwɛdeɛ, n’ahyɛdeɛ ne n’atemmudeɛ ne ne mmara nsɛm nna nyinaa.


Na sɛ motie me mmara nsɛm a mede merema mo nnɛ yi, sɛ mode mo akoma nyinaa bɛdɔ AWURADE mo Nyankopɔn na moasom no a,


Ɛnnɛ da yi AWURADE wo Nyankopɔn rehyɛ wo sɛ: Yɛ ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ yi, na fa w’akoma ne wo kra nyinaa di so na yɛ.


enti tie AWURADE wo Nyankopɔn nne, na di ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ a merehyɛ wo nnɛ yi so.


na merehyɛ wo nnɛ sɛ: Dɔ AWURADE wo Nyankopɔn, nante n’akwan so, na di ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ ne n’atemmudeɛ so, na woanya nkwa, na woadɔre, na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo, asase a worekɔ so akɔdi soɔ no so.


na dɔ AWURADE wo Nyankopɔn na tie ne nne na bata ne ho, ɛfiri sɛ ɛne wo nkwa ne wo nna dodoɔ, na woatena asase a AWURADE kaa wo nananom Abraham, Isak ne Yakob ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so.


Na ɛhɔ nso mobɛhwehwɛ AWURADE mo Nyankopɔn, na sɛ mode mo akoma nyinaa ne mo kra nyinaa hwehwɛ n’akyiri kwan a, mobɛhu no.


O, sɛ anka wɔbɛnya akoma a ɛte seyie na wɔde asuro me adi me mmara nsɛm so nna nyinaa, na asi wɔn ne wɔn mma yie daa ɛ!


ɔkwan a AWURADE mo Nyankopɔn ahyɛ mo no nyinaa so na monnanteɛ na moanya nkwa, na asi mo yie, na mo nna aware asase a morekɔnya no so.


AWURADE wo Nyankopɔn na suro no, na ɔno na som no, na ne din ho ntam na ka;


na woasuro AWURADE wo Nyankopɔn adi n’ahyɛdeɛ ne ne mmara nsɛm a merehyɛ woɔ yi nyinaa so, wo ne wo ba ne wo ba ba, wo nkwa nna nyinaa, na wo nna aware.


Na AWURADE hyɛɛ yɛn sɛ yɛnyɛ ahyɛdeɛ yi nyinaa na yɛnsuro AWURADE yɛn Nyankopɔn, na ɛnsi yɛn yie nna nyinaa, na ɔmma yɛnnya nkwa, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi;


Na fa w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ AWURADE wo Nyankopɔn.


Na afotusɛm no botaeɛ ne ɔdɔ a ɛfiri akoma kronn ne ahonim pa ne gyidie a nkontompo nni mu mu.


Enti ɛnam sɛ yɛanya ahennie a ɛnwosoɔ yi, momma yɛmfa aseda mmra mfa so nsom Onyankopɔn sɛdeɛ ɛsɔ n’ani wɔ fɛreɛ ne ahodasoɔ mu.


Na mo ho yie nko na monhwɛ, na monni ahyɛdeɛ ne mmara a AWURADE akoa Mose hyɛɛ mo no so, na monnɔ AWURADE mo Nyankopɔn, na monnante n’akwan nyinaa so, na mommu ne mmara nsɛm, na momfam ne ho na monsom no mo akoma nyinaa ne mo kra nyinaa mu.


Na afei monsuro AWURADE na monsom no mudie ne nokorɛ mu, na mompa anyame a mo agyanom som wɔ asuogya ne Misraim no, na monsom AWURADE.


Monnnɔ wiase anaa nnoɔma a ɛwɔ wiase. Sɛ obi dɔ wiase a, Agya no dɔ no nni ne mu.


Hwan ne deɛ ɔdi wiase so nkonim sɛ deɛ ɔgye di sɛ Yesu ne Nyankopɔn ba?


Na Samuel ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monnsuro; moayɛ bɔne yi nyinaa deɛ, nanso AWURADE akyi na monnsane mmfire, na momfa mo akoma nyinaa nsom AWURADE.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios