Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




5 Mose 1:43 - New Revised Asante Twi Bible

43 Na mekasa mekyerɛɛ mo, na moantie, na motee AWURADE anomu asɛm atua, na motintim mo anim foroo bepɔ no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

43 Na mekasa mekyerɛɛ mo, na moantie, na motee AWURADE anomu asɛm atua, na motintim mo anim foroo bepɔ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

43 Meka kyerɛɛ mo, nanso moantie. Mosɔre tiaa Awurade ahyɛde no na monam ahomaso so foro kɔɔ asase no so kɔkoe.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

43 Asɛm a meka kyerɛɛ mo ni, nanso moantie. Na mmom, mosɔre tiaa Awurade ahyɛdeɛ no bio nam ahomasoɔ so kɔɔ asase no so kɔkoeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

43 Na mekasa mekyerɛɛ mo, na moantie, na motew AWURADE anom asɛm atua, na mutintim mo anim foroo bepɔw no.

Ver Capítulo Copiar




5 Mose 1:43
8 Referencias Cruzadas  

Na wɔn deɛ, wɔtee atua na wɔhyɛɛ ne Honhom kronkron no yea, enti ɔdanee wɔn ɔtamfoɔ, na ɔno ara ne wɔn dii ako.


Na wɔtuaa nhema foro kɔɔ bepɔ no atifi kaa sɛ: Yɛn nie, yɛbɛforo akɔ deɛ AWURADE kaeɛ hɔ, ɛfiri sɛ yɛayɛ bɔne.


Na wɔtintim wɔn anim foro kɔɔ bepɔ no atifi; na AWURADE apam adaka no ne Mose anka wɔn ho amfiri nsraban no mu.


Na ɔkra a ɔde aniɛden boapa yɛ biribi, asase no soni oo, ɔhɔhoɔ oo, wasopa AWURADE, na wɔbɛtwa saa ɔnii ko no afiri ne man mu atwene,


Mo a mo kɔn asene na moyɛ akoma ne aso mu momonoto, daa mo ne Honhom Kronkron di asie; sɛdeɛ mo agyanom yɛeɛ no, saa ara na moyɛ.


Nanso moampɛ sɛ moforɔ, na motee AWURADE mo Nyankopɔn anomu asɛm so atua,


Na onipa a ɔbɛdi ahantansɛm na ɔrentie ɔsɔfoɔ a ɔgyina hɔ som AWURADE wo Nyankopɔn anaa ɔtemmufoɔ no, saa onipa no nwu;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios