Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




5 Mose 1:25 - New Revised Asante Twi Bible

25 Na wɔfaa asase no so aba bi kura de siane brɛɛ yɛn; na wɔbɛka kyerɛɛ yɛn bio sɛ: Asase a AWURADE yɛn Nyankopɔn de rema yɛn no yɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

25 Na wɔfaa asase no so aba bi kura de siane brɛɛ yɛn; na wɔbɛka kyerɛɛ yɛn bio sɛ: Asase a AWURADE yɛn Nyankopɔn de rema yɛn no yɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Na wɔfaa asase no so aba bi de brɛɛ yɛn. Na wɔkae se, asase a Awurade yɛn Nyankopɔn de ama yɛn no yɛ asase pa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Na wɔfaa asase no so aba bi de brɛɛ yɛn. Na wɔkaa sɛ, asase a Awurade yɛn Onyankopɔn de ama yɛn no yɛ asase pa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

25 Na wɔfaa asase no so aba bi kura de sian brɛɛ yɛn; na wɔbɛka kyerɛɛ yɛn bio sɛ: Asase a AWURADE yɛn Nyankopɔn de rema yɛn no ye.

Ver Capítulo Copiar




5 Mose 1:25
6 Referencias Cruzadas  

Na masiane sɛ merebɛyi wɔn Misraimfoɔ nsam, na matu wɔn afiri asase no so akɔ asase pa a ɛtrɛ so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ: Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ tenabea hɔ.


ne sɛdeɛ asase no teɛ, sɛ emu yɛ fɔɔfɔɔ anaa pɛsɛɛ sɛ nnua wɔ so anaasɛ ebi nni so; na momfa akokoɔduro ntete asase no so aba bi mmra. Nso na saa berɛ no yɛ bobe aba a ɛdi kan berɛ.


Na wɔbɔɔ wɔn amanneɛ kyerɛɛ no sɛ: Yɛakɔ asase a wosomaa yɛn soɔ no so, na ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ ampa, na ɛso aba nie.


na wɔka kyerɛɛ Israelfoɔ asafo no nyinaa sɛ: Asase a yɛtwaa mu kɔsraeɛ no yɛ asase pa ara.


Na wɔdanee wɔn ani foroo bepɔ no, na wɔkɔduruu Eskol subonhwa mu, na wɔsraeɛ.


Nanso moampɛ sɛ moforɔ, na motee AWURADE mo Nyankopɔn anomu asɛm so atua,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios